Yosua 6:1-27

  • Yeriko fasu dwiriw gui (1-21)

  • Wɔankum Rahab ne n’abusua (22-27)

6  Yeriko de, Israelfo no nti, na wɔato kurow no mu abram akyi; obi nkɔ, na obi mma.+  Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne ne mmarima a wonim ko yiye no ahyɛ wo nsa.+  Enti mmarima a mokɔ ɔko no nyinaa, monnantew* ntwa kurow no ho nhyia; muntwa kurow no ho nhyia pɛnkoro. Monyɛ saa ara nnansia.  Ma asɔfo baason mfa nguan mmɛn ason nni Adaka no anim. Na da a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn ason, na asɔfo no nhyɛn mmɛn no.+  Sɛ wɔbɔ abɛn* no na mote abɛn no nnyigyei* pɛ, ɔman no nyinaa nteɛm denneennen, na kurow no fasu nyinaa bedwiriw agu.+ Ɛba saa a, ɔman no mmɔ nwura kurow no mu; obiara nkɔ n’anim tee.”  Enti Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfo no behyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa apam adaka no, na asɔfo baason mfa nguan mmɛn ason nni Yehowa Adaka no anim.”+  Afei ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monkɔ nkɔnantew* ntwa kurow no ho nhyia, na asraafo+ a wokurakura akode no nni Yehowa Adaka no anim.”  Sɛnea Yosua ka kyerɛɛ ɔman no, asɔfo baason a wokurakura nguan mmɛn ason wɔ Yehowa anim no bedii anim hyɛn mmɛn no, na Yehowa apam adaka no dii wɔn akyi.  Asraafo a wokurakura akode no dii asɔfo a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na asraafo a wɔbɔ kyidɔm* no nso dii Adaka no akyi bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no. 10  Ná Yosua aka akyerɛ ɔman no sɛ: “Monnteɛm na mommma obi nnte mo nne. Mummmue mo ano nnka biribiara kosi da a mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monteɛm!’ ansa na moateɛm.” 11  Na ɔma wɔde Yehowa Adaka no twaa kurow no ho hyiae. Wotwaa ho hyiae pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛe kɔdae. 12  Ade kyee no, Yosua sɔree anɔpatutuutu, na asɔfo no faa Yehowa Adaka no.+ 13  Ɛnna asɔfo baason a wokurakura nguan mmɛn ason no hyɛn mmɛn no dii Yehowa Adaka no anim; bere a wɔrekɔ nyinaa na wɔrehyɛn. Asraafo a wokurakura akode no nso dii wɔn anim. Afei asraafo a wodi akyi no dii Yehowa Adaka no akyi bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no. 14  Da a ɛto so abien no, wɔnantew* twaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛe. Wɔyɛɛ saa ara nnansia.+ 15  Da a ɛto so ason no, anɔpatutuutu a anim retetew no ara na wɔsɔree, na wɔnantew* twaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn ason. Saa da no nko ara na wɔnantew twaa kurow no ho hyiae mpɛn ason.+ 16  Eduu nea ɛto so ason so no, asɔfo no hyɛn mmɛn no, na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monteɛm,+ efisɛ Yehowa de kurow no ama mo! 17  Ɛsɛ sɛ mosɛe kurow no ne biribiara a ɛwom;+ ne nyinaa yɛ Yehowa dea. Tuutuuni Rahab+ nko ara na ɛnsɛ sɛ mode mo nsa ka no, ɔno ne wɔn a wɔka ne ho wɔ ofie hɔ nyinaa, efisɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no siei.+ 18  Montwe mo ho mfi biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no ho,+ na mo kɔn annɔ, na moamfa nneɛma a ɛsɛ sɛ mosɛe no no bi,+ na Israel asoɛe no ammɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe no, na ankɔfa ɔhaw* biara amma so.+ 19  Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dade ayɛ nyinaa de, ɛyɛ kronkron ma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ ne nyinaa kɔ Yehowa adekoradan mu.”+ 20  Afei wɔhyɛn mmɛn no, na ɔman no teɛɛm.+ Bere a ɔman no tee abɛn no a wɔteɛɛm denneennen pɛ, ɔfasu no nyinaa dwiriw guu fam.+ Afei wɔbɔ wuraa kurow no mu; obiara kɔɔ n’anim tee, na wɔfaa kurow no. 21  Wɔde sekan sɛee biribiara a ɛwɔ kurow no mu, mmea ne mmarima, mpanyin ne mmofra, anantwi ne nguan ne mfurum.+ 22  Na Yosua ka kyerɛɛ mmarima baanu a wɔkɔhwɛɛ asaase no sɛ: “Monkɔ tuutuuni bea no fi nkɔfa ɔno ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mfi hɔ, sɛnea mokaa no ntam no.”+ 23  Enti mmerante a wɔkɔhwɛɛ kurow no kɔfaa Rahab ne ne papa ne ne maame ne ne nua mmarima ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa fii hɔ, kyerɛ sɛ, wɔde n’abusuafo nyinaa fii hɔ.+ Wɔde wɔn baa Israelfo asoɛe no akyi dwoodwoo. 24  Afei wɔde ogya hyew kurow no ne emu nneɛma nyinaa. Nanso dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dade ayɛ no de, wɔde kɔɔ Yehowa fi adekoradan mu.+ 25  Tuutuuni Rahab ne ne papa fifo ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn no nko ara na Yosua ankum wɔn,+ na ɔte Israelfo mu besi nnɛ,+ efisɛ ɔde nnipa a Yosua somaa wɔn ma wɔkɔhwɛɛ Yeriko no siei.+ 26  Saa bere no, Yosua kaa ntam sɛ:* “Obiara a ɔbɛkyekye Yeriko kurow yi, nnome nka no wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kurow no fapem a, ne ba panyin bewu, na osisi n’apon a, ne ba kumaa bewu.”+ 27  Enti Yehowa gyinaa Yosua akyi,+ na Yosua din* trɛwee wɔ asaase nyinaa so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mommɔ nsra.”
Nt., “odwennini abɛn.”
Anaa “nnyigyei tenten.”
Anaa “nkɔbɔ nsra.”
Asraafo a wɔbɔ kyidɔm no yɛ asraafo a wodi asraafo a aka no akyi bɔ wɔn ho ban.
Anaa “wɔbɔɔ nsra.”
Anaa “wɔbɔɔ nsra.”
Anaa “amane; mmusu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔmaa ɔman no kaa ntam sɛ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Yehowa din.”