Yosua 7:1-26

  • Israel dii nkogu wɔ Ai (1-5)

  • Yosua mpaebɔ (6-9)

  • Bɔne na ɛmaa Israel dii nkogu (10-15)

  • Wɔkyeree Akan na wosiw no abo (16-26)

7  Nanso Israelfo no anni nokware wɔ nneɛma a wɔkae sɛ wɔnsɛe no no ho, efisɛ Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan+ a ofi Yuda abusuakuw mu no faa nneɛma a wɔkae sɛ wɔnsɛe no no bi.+ Enti Yehowa bo fuw Israelfo no denneennen.+  Na Yosua somaa mmarima fii Yeriko sɛ wɔnkɔ Ai+ a ɛbɛn Bet-Awen wɔ Betel+ apuei fam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munwia mo ho mforo nkɔhwɛ sɛnea asaase no te.” Enti mmarima no wiaa wɔn ho foro kɔhwɛɛ sɛnea Ai te.  Bere a wɔsan baa Yosua nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Enhia sɛ ɔman no nyinaa foro kɔ hɔ. Mmarima bɛyɛ 2,000 anaa 3,000 betumi adi Ai so nkonim. Nhaw ɔman no nyinaa sɛ wɔnkɔ hɔ, efisɛ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nnɔɔso.”  Enti mmarima bɛyɛ 3,000 foro kɔɔ hɔ, nanso woguan fii Ai mmarima no anim.+  Ai mmarima no kunkum wɔn mu 36, na wɔtaa wɔn fii kurow no pon ano kosii Sebarim,* na bere a wɔresian nyinaa, na wɔrekunkum wɔn. Eyi maa nnipa no bɔɔ hu yiye.*  Ɛnna Yosua suan n’ataade mu, na ɔde n’anim butuw fam wɔ Yehowa Adaka no anim kosii anwummere, ɔne Israel mpanyimfo no, na wɔde dɔte guu wɔn tirim mpɛn pii.  Afei Yosua kae sɛ: “Ao Awurade Tumfo Yehowa, adɛn nti na wode ɔman yi atwa Yordan aba ha sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa ama wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛtenaa yɛn baabi wɔ Yordan agya hɔ!*  Yehowa, mepa wo kyɛw o, Israel na aguan afi n’atamfo anim* yi. Seesei dɛn bio na menka?  Sɛ Kaananfo ne asaase no so nnipa nyinaa te a, wɔbɛba abetwa yɛn ho ahyia, na wɔapopa yɛn din afi asaase so koraa. Dɛn na wobɛyɛ wɔ wo din kɛse no ho?”+ 10  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Sɔre! Adɛn nti na wode w’anim abutuw fam? 11  Israel ayɛ bɔne. Apam a me ne wɔn yɛe a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni so no, wɔabu so.+ Nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔafa bi;+ wɔawia,+ na wɔayɛ kodɛɛ de akɔka wɔn nneɛma ho.+ 12  Enti Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim. Wɔabɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe wɔn. Ɛno nti, wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo na wɔaguan afi wɔn anim. Merenni mo akyi bio, gye sɛ mosɛe ade a ɛsɛ sɛ mosɛe no no fi mo mu.+ 13  Sɔre na tew ɔman no ho!+ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montew mo ho mma ɔkyena, na nea Israel Nyankopɔn Yehowa aka ni: “O Israel, biribi wɔ mo mu a ɛsɛ sɛ mosɛe no. Sɛ moanyi ade a ɛsɛ sɛ mosɛe no no amfi mo mu a, morentumi nnyina mo atamfo anim. 14  Ɔkyena anɔpa, mmusuakuw no mmra mmaako mmaako. Abusuakuw a Yehowa beyi no,+ wobegyinagyina mmusua mmusua. Afei abusua a Yehowa beyi no, wobegyinagyina afi afi. Ofi a Yehowa beyi no, emu mmarima nso bɛba mmaako mmaako. 15  Na nea wɔbɛkyere no sɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no wɔ ne nkyɛn no, wɔmfa ogya nhyew no,+ ɔno ne nea ɔwɔ nyinaa, efisɛ wabu Yehowa apam so,+ na wayɛ aniwude wɔ Israel.”’” 16  Ade kyee no, Yosua sɔree anɔpatutuutu frɛɛ Israel mmusuakuw no bae mmaako mmaako, na woyii Yuda abusuakuw no. 17  Afei ɔmaa Yuda mmusua no bae mmaako mmaako, na woyii Sera abusua no.+ Na ɔmaa Sera abusua no mu mmarima bae mmaako mmaako, na woyii Sabdi. 18  Awiei koraa no, ɔmaa Sabdi fi mmarima bae mmaako mmaako, na woyii Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no.+ 19  Afei Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: “Me ba, mesrɛ wo, hyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa anuonyam na ka wo bɔne kyerɛ no. Mesrɛ wo, ka nea woayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.” 20  Ɛnna Akan ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nokwasɛm ni, me na mayɛ bɔne atia Israel Nyankopɔn Yehowa, na nea meyɛe ni: 21  Mihuu ataade fɛfɛɛfɛ bi a efi Sinar+ ne dwetɛ nnwetɛbona* 200 ne sika kɔkɔɔ a emu duru yɛ nnwetɛbona 50 wɔ nneɛma no mu, na na m’ani gye ho, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na sika no hyɛ ase.” 22  Ntɛm ara na Yosua somaa nnipa, na wɔde mmirika kɔɔ ntamadan no mu. Ampa ara, na ɔde ataade no asie ne ntamadan mu, na na sika no hyɛ ase. 23  Enti woyiyii nneɛma no fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa, na wɔde guu Yehowa anim. 24  Afei Yosua ne Israelfo nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne ataade ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmea ne n’anantwi ne ne mfurum ne ne nguan ne ne ntamadan ne biribiara a ɔwɔ kɔɔ Akor Bon mu.*+ 25  Ɛnna Yosua kae sɛ: “Adɛn nti na wode mmusu* aba yɛn so yi?+ Yehowa de mmusu bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfo nyinaa siw no abo,+ na wowiei no, wɔde ogya hyew wɔn.+ Enti wosiw wɔn nyinaa abo. 26  Na wɔsoaa abo guu no so ma ɛyɛɛ siw kɛse, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. Afei Yehowa bo dwoe.+ Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Akor* Bon, na wɔfrɛ hɔ saa de besi nnɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Baabi a Wɔpae Abo.”
Nt., “wɔn koma nanee, na ɛyɛe sɛ nsu.”
Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.
Anaa “adan n’akyi akyerɛ n’atamfo.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Asaasetraa so!”
Anaa “ɔhaw; amanehunu.”
Ɛkyerɛ, “Mmusu; Amanehunu.”