Yosua 8:1-35

  • Yosua ma wɔkɔtetɛw Ai kurow no akyi (1-13)

  • Wɔko faa Ai (14-29)

  • Wɔkenkan Mmara no wɔ Ebal Bepɔw ho (30-35)

8  Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro, na mmɔ hu.+ Fa asraafo no nyinaa ka wo ho na momforo nkɔ Ai so. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asaase ahyɛ wo nsa.+  Yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Nanso kurow yi mu nneɛma ne emu nyɛmmoa de, mubetumi afa. Ma nnipa bi nkɔtetɛw kurow no akyi.”  Enti Yosua ne asraafo no nyinaa foro kɔɔ Ai so. Yosua paw mmarima a wonim ko yiye 30,000, na ogyaa wɔn kwan anadwo.  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ, monkɔtetɛw kurow no akyi. Monhwɛ na mo ne kurow no ntam antwe pii, na obiara nyɛ krado.  Me nso, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa betwiw abɛn kurow no. Na sɛ wopue ba yɛn so sɛnea wɔyɛɛ kan no a,+ yebeguan afi wɔn anim.  Sɛ wopue bedi yɛn akyi a, yɛbɛma wɔadi yɛn akyi akosi sɛ yɛbɛtwe wɔn afi kurow no ho, efisɛ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔreguan sɛnea wɔyɛe kan no.’+ Na yebeguan afi wɔn anim.  Ɛba saa a, mumfi baabi a mokɔtetɛwee no nkɔfa kurow no; Yehowa mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.  Sɛ mofa kurow no pɛ, momfa ogya ntom.+ Monyɛ no sɛnea Yehowa aka no. Eyi ne akwankyerɛ a mepɛ sɛ mudi so.”  Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔnantew kɔɔ beae a wɔrekɔtetɛw no. Wɔtenaa Betel ne Ai ntam wɔ Ai atɔe fam, na Yosua daa nnipa a aka no nkyɛn anadwo no. 10  Na Yosua sɔree anɔpatutuutu boaboaa asraafo no ano, na ɔne Israel mpanyimfo dii wɔn anim kɔɔ Ai. 11  Asraafo a wɔka ne ho nyinaa+ foro kɔe, na wɔkɔe ara koduu kurow no anim. Wɔsoɛɛ Ai atifi fam, na na obon da wɔne Ai ntam. 12  Saa bere yi nyinaa, na wayi mmarima bɛyɛ 5,000 sɛ wɔnkɔtetɛw+ Betel+ ne Ai ntam, wɔ kurow no atɔe fam. 13  Enti asraafo no mu fã kɛse kɔsoɛɛ kurow no atifi fam,+ na asraafo a wɔbɔ kyidɔm* no kɔtetɛw atɔe fam,+ na Yosua kɔɔ obon no mu* anadwo no. 14  Bere a Ai hene huu saa pɛ, ɔne kurow no mu mmarima sɔree anɔpatutuutu, na wɔyɛɛ ntɛm sɛ wɔne Israelfo no rekɔko wɔ baabi a ɛne asaase pradadaa no di nhwɛanim no. Nanso na onnim sɛ ebinom akɔtetɛw no wɔ kurow no akyi. 15  Bere a Ai mmarima baa wɔn so no, Yosua ne Israelfo no nyinaa guan faa kwan a ɛkɔ sare so no so.+ 16  Ɛnna Ai mmarima frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu nyinaa ma wɔkɔtaa wɔn so. Bere a wɔretaa Yosua so nyinaa, na wɔretwe wɔn fi kurow no ho. 17  Ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wankodi Israelfo no akyi. Wogyaw kurow no ano too hɔ kakraa, na wɔkɔtaa Israelfo no so. 18  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa peaw a wukura no kyerɛ Ai so,+ na mede bɛhyɛ wo nsa.”+ Enti Yosua de peaw a okura no kyerɛɛ kurow no so. 19  Bere a ɔteɛɛ ne nsa ara pɛ na wɔn a wɔakɔtetɛw no fii baabi a wɔhyɛ no de mmirika bɔ wuraa kurow no mu kodii so nkonim. Ntɛm ara na wɔde ogya too kurow no mu.+ 20  Bere a Ai mmarima no dan wɔn ho no, wohui sɛ wusiw fi kurow no mu reforo kɔ soro, na na wontumi nguan nkɔ benkum anaa nifa. Afei wɔn a wɔreguan kɔ sare so no dan baa wɔn a wɔretaa wɔn so no so. 21  Bere a Yosua ne Israelfo no nyinaa hui sɛ wɔn a wɔkɔtetɛwee no akɔfa kurow no, na wohui sɛ kurow no mu wusiw reforo kɔ soro no, wɔsan wɔn akyi bɛtow hyɛɛ Ai mmarima no so. 22  Na wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nso behyiaa wɔn. Enti na Ai mmarima no aka mfinimfini; Israelfo binom wɔ wɔn anim, ɛnna ebinom nso wɔ wɔn akyi. Afei wokunkum wɔn nyinaa. Onipa baako mpo anka, na obiara nso antumi anguan.+ 23  Na Ai hene de,+ wɔankum no, mmom, wɔkyeree no de no baa Yosua anim. 24  Enti Israelfo kunkum Aifo a wodii wɔn akyi kɔɔ sare so no nyinaa wɔ sare no so hɔ. Wɔde sekan kunkum wɔn ma wɔsae. Wowiei no, Israelfo nyinaa san kɔɔ Ai kurow no mu de sekan kokunkum wɔn. 25  Saa da no, mmarima ne mmea a wowuwui nyinaa yɛ 12,000, Aifo nyinaa. 26  Yosua amfa ne nsa a na ekura peaw no mu no anto hɔ+ kosii sɛ ɔsɛee Aifo nyinaa pasaa.+ 27  Nanso kurow no mu nyɛmmoa ne emu nneɛma de, Israelfo no fae, sɛnea ahyɛde a Yehowa de maa Yosua no te no.+ 28  Na Yosua hyew Ai, na ɛdan abo sum hɔ;+ ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. 29  Na ɔde Ai hene no sɛn dua so kosii anwummere, na bere a owia rekɔtɔ no, Yosua kae sɛ wonyi ne funu mfi dua no so.+ Wɔde kɔtoo kurow no pon ano, na wɔsoaa abo pii guu no so ma ɛyɛɛ siw kɛse, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. 30  Saa bere no, Yosua sii afɔremuka wɔ Ebal Bepɔw so+ maa Israel Nyankopɔn Yehowa 31  sɛnea Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ Israelfo no. Wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Mose Mmara nhoma no+ mu sɛ: “Momfa abo amuamu a wɔmfaa dade nkae nsi afɔremuka no.”+ Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so maa Yehowa.+ 32  Afei Mmara a Mose kyerɛwee wɔ Israelfo anim no,+ Yosua hwɛɛ so kyerɛw bi guu abo no so.+ 33  Na Israelfo nyinaa, wɔn mpanyimfo, wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo begyinagyinaa Lewifo asɔfo a wɔso Yehowa apam adaka no anim wɔ Adaka no benkum ne ne nifa so. Ahɔho ne kuromafo nyinaa begyinagyinaa hɔ bi.+ Nnipa no fã gyinaa Gerisim Bepɔw anim, ɛnna fã nso gyinaa Ebal Bepɔw+ anim sɛnea ɛbɛyɛ a wobehyira Israelfo (sɛnea na Yehowa akoa Mose ahyɛ dedaw no).+ 34  Ɛno akyi no, ɔkenkan Mmara no mu nsɛm nyinaa den,+ nhyira+ ne nnome,+ sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma no mu no. 35  Nea Mose kae nyinaa, Yosua gyinaa Israel asafo no ne mmea ne mmofra ne ahɔho a wɔwɔ wɔn mu* no nyinaa anim kenkan no den; wannyaw asɛm baako mpo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “asaasetraa no so.”
Asraafo a wɔbɔ kyidɔm no yɛ asraafo a wodi asraafo a aka no akyi bɔ wɔn ho ban.
Nt., “wɔnam wɔn mu.”