Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | HIOB 21-27

Hiob Ko Tiaa Nsusuwii Bɔne

Hiob Ko Tiaa Nsusuwii Bɔne

Ɛnnɛ, Satan ka atosɛm de bu Yehowa asomfo abam. Hwɛ nsonsonoe a ɛda Satan atosɛm ne sɛnea Yehowa te nka ankasa no ntam; yehu wei wɔ Hiob nhoma no mu. Kyerɛw kyerɛwsɛm afoforo a ɛma wuhu no pefee sɛ Yehowa dwen wo ho.

ATOSƐM A SATAN KA

SƐNEA YEHOWA TE NKA ANKASA

Nea Onyankopɔn hwehwɛ fi n’asomfo hɔ no dɔɔso ara ma wontumi nyɛ. Abɔde biara ntumi nsɔ n’ani (Hio 4:18; 25:5)

Yehowa ani sɔ mmɔden biara a yɛbɔ no (Hio 36:5)

Onipa biara so nni mfaso ma Onyankopɔn (Hio 22:2)

Sɛ yefi komam som Yehowa a n’ani gye ho, na ohyira yɛn (Hio 33:26; 36:11)

Sɛ woyɛ ɔtreneeni mpo a, ɛmfa Onyankopɔn ho (Hio 22:3)

Yehowa nyi n’ani mfi ɔtreneeni biara so (Hio 36:7)