BIBLE MU AKORADE | HIOB 28-32
Hiob Yɛɛ Nhwɛso Wɔ Mudi Mu Kura Ho
Ná Hiob asi ne bo sɛ ɔde Yehowa mmara bɛbɔ ne bra
Ɛnyɛ biribiara na ɔde n’ani hwɛe, wankyerɛ ɔbea foforo biara ho anigye
Hiob ne afoforo dii no yiye
Ná ɔbrɛ ne ho ase, ɔteɛ, na na ɔyɛ mmɔborɔhunufo. Sɛ́ obi yɛ ɔdefo oo, ohiani oo, anaa ɔwɔ dibea wɔ asetena mu anaasɛ onni bi no, na ɔne no di no yiye
Ná Hiob yam ye, na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya
Ɔboaa afoforo, na ɔma wonyaa nea wohia