Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

Ɔsatu a Yɛbɛyɛ De Ato Nsa Afrɛ Afoforo Aba Ɔmantam Nhyiam

Ɔsatu a Yɛbɛyɛ De Ato Nsa Afrɛ Afoforo Aba Ɔmantam Nhyiam

Afe biara yɛde anigye hwɛ honhom fam aduan a yebedi wɔ yɛn ɔmantam nhyiam ase no kwan. Sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nso bɛka Yehowa papayɛ ahwɛ no, yɛbɛto nsa afrɛ nnipa pii ma wɔne yɛn akɔ nhyiam no. (Dw 34:8) Mpanyimfo akuw na wɔbɛkyerɛ nea yɛbɛyɛ biara de krataa no ato nsa afrɛ afoforo.

NSƐM A ƐSƐ SƐ WOKAE

  • Bere bɛn na wɔbɛyɛ nhyiam a mɛkɔ no?

  • Bere bɛn na yɛn asafo no befi ɔsatu no ase?

  • Bere bɛn na yɛyɛ yɛn asɛnka nhyiam?

  • Dɛn botae na mede asi m’ani so wɔ ɔsatu no ho?

  • Henanom na mɛto nsa afrɛ wɔn?

ASƐM BƐN NA WOBƐKA?

Sɛ wukyia wie a, wubetumi aka sɛ:

“Yɛreyɛ nhyiam titiriw bi wɔ wiase nyinaa, na yɛde saa krataa yi reto nsa afrɛ nkurɔfo ama wɔaba bi. Wohwɛ krataa no so a, wubehu bere a yɛde bɛyɛ ne baabi a yɛbɛyɛ no. Yɛn ani begye sɛ wobɛba nhyiam yi bi.”

WOBƐYƐ DƐN ABOA WƆN A WƆKYERƐ HO ANIGYE?

Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ nnipa pii ma wɔba nhyiam no de, nanso ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔbɛkyerɛ nsato no ho anigye no.

Wubetumi de nsɛmma nhoma aka nsato krataa no ho de ama wɔ dapɛn awiei.