Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | HIOB 33-37

Adamfo Pa Tu Fo Pa

Adamfo Pa Tu Fo Pa

Bere a Elihu de n’ano too nkɔmmɔ no mu no, nsɛm a ɔkae ne sɛnea ɔne Hiob dii no, na ɛyɛ soronko koraa. Na ɛnte sɛ Elifas, Bildad, ne Sofar de no. Ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ adamfo ne ɔfotufo pa a ɛsɛ sɛ yesuasua no.

ƆFOTUFO PA YƐ OBI A . . .

ELIHU AYƐ NHWƐSO PA

32:4-7, 11, 12; 33:1

 

  • ƆWƆ ABOTARE

  • ƆYƐ OTIEFO PA

  • OBU AFOFORO

 
  • Elihu nyaa abotare twɛn maa wɔn a wɔanyin sen no no kasa wiei ansa na ɔrekasa

  • Esiane sɛ ɔyɛɛ aso tiee nea wɔkae no nti, otumi tee asɛm no ase yiye ansa na ɔde ɛho afotu rema

  • Ɔbɔɔ Hiob din, na ɔkasa kyerɛɛ no sɛ adamfo

 

33:6, 7, 32

 

  • ƆWƆ AHOBRƐASE

  • WOTUMI BƐN NO

  • ƆWƆ TEMA

 
  • Ná Elihu wɔ ahobrɛase ne tema, na ogye toom sɛ ɔno nso yɛ onipa a odi mfomso

  • Odii Hiob amanehunu no ho yaw

 

33:24, 25; 35:2, 5

 

  • ƆKARI PƐ

  • ƆWƆ AYAMYE

  • ƆWƆ ONYANKOPƆN ADWENE

 
  • Elihu fi nidi mu maa Hiob hui sɛ adwene a okura no nteɛ

  • Elihu maa Hiob hui sɛ ɛnyɛ bu a obebu ne ho bem no ne ade a ɛho hia kɛse

  • Afotu pa a Elihu de mae no buee kwan maa Hiob gyee akwankyerɛ fii Yehowa ankasa hɔ