Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nhyiam Nkaebɔ

Nhyiam Nkaebɔ

Sɛnea yɛtaa yɛ no, yɛpɛ sɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko ho dɔ ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade bere a yɛakɔ ɔmantam nhyiam no. (Mt 22:37-39) Korintofo Nhoma a Edi Kan ti 13:4-8 ka ɔdɔ ho asɛm sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. . . . Ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no. . . . Ɔdɔ to ntwa da.” Bere a wohwɛ Nhyiam Nkaebɔ ho video no, susuw akwan a wubetumi afa so ada ɔdɔ adi akyerɛ afoforo wɔ nhyiam no ase ho.

YƐBƐYƐ DƐN ADA ƆDƆ ADI BERE A . . .

  • yɛrepɛ akongua ato hɔ ama afoforo?

  • wɔrebefi ase abɔ nnwom no?

  • yɛwɔ baabi a yɛakɔsoɛ no?

  • yetu yɛn ho ma yɛ nhyiam no ho nnwuma no?