KRISTOFO ABRABƆ
Ade Foforo a Yɛde Befi Nkɔmmɔbɔ Ase
Efi January 2016 no, wɔde asɛm a ɛne “Dɛn na Bible Aka?” ba Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ ɔmanfo de no akyi. Saa asɛm foforo yi bɛboa yɛn ma yɛde Bible no afi nkɔmmɔbɔ ase. Wɔayɛ no te sɛ yɛn nkratawa no ara pɛ. Wubehu asɛmmisa a ɛma obi kyerɛ n’adwene, mmuae a Kyerɛwnsɛm no de ma, ne nsɛm foforo a mubetumi asusuw ho.
Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛka koma a yɛne obi bɛbɔ ho nkɔmmɔ no ma yetumi fi Bible adesua ase. Fa ade foforo yi boa nnipa bebree na ama wɔatumi amee wɔ honhom mu.
SƐNEA WODE BEDI DWUMA:
-
Ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene wɔ nsɛmmisa no baako ho
-
Tie mmuae no na kamfo no wɔ ho
-
Kenkan kyerɛwsɛm a ɛwɔ “Nea Bible no Ka” no afã hɔ, na ma ɔnkyerɛ n’adwene wɔ ho. Sɛ ɔwɔ bere a, mubetumi de asɛm bi a ɛwɔ “Dɛn Bio na Bible no Ka?” afã hɔ atoa nkɔmmɔbɔ no so
-
Fa nsɛmma nhoma no ma no
-
Yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a ɛto so mmienu no ho