Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | HIOB 16-20

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ Fa Hyɛ Afoforo Nkuran na Hyɛ Wɔn Den

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ Fa Hyɛ Afoforo Nkuran na Hyɛ Wɔn Den

Ɛsɛ sɛ ɔfotufo nsɛm hyɛ afoforo den

16:4, 5

  • Hiob botowee na odii awerɛhow, enti na ehia sɛ afoforo boa no na wɔhyɛ no nkuran

  • Hiob nnamfo mmiɛnsa no anka awerɛkyekyesɛm biara ankyerɛ no. Mmom wɔbɔɔ no sobo, na ɛmaa ne haw yɛɛ kɛse

Nsɛm a ɛyɛ yaw a Bildad kae no teetee Hiob

19:2, 25

  • Hiob su frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma ne ho ntɔ no—ɔpɛe sɛ owu mpo

  • Hiob de n’ani sii owusɔre ho anidaso a na ɔwɔ no so, na ɔkɔɔ so gyinaa n’amanehunu no ano