Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | YEREMIA 25–28

Nya Akokoduru Te sɛ Yeremia

Nya Akokoduru Te sɛ Yeremia

Yeremia bɔɔ ɔman no kɔkɔ sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem sɛ Silo

26:6

  • Bere bi na apam adaka no wɔ Silo. Ná apam adaka no kyerɛ sɛ Yehowa ka ɔman no ho

  • Yehowa maa Filistifo faa apam adaka no kɔe, na ansan ankɔ Silo bio

Asɔfo, adiyifo, ne nkurɔfo no nyinaa kae sɛ wobekum Yeremia

26:8, 9, 12, 13

  • Nkurɔfo no kyeree Yeremia, efisɛ wɔkaa sɛ wahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem ne asɔrefie no

  • Yeremia anguan; ɔkɔɔ so yɛɛ n’adwuma

Yehowa bɔɔ Yeremia ho ban

26:16, 24

  • Yeremia kɔɔ so nyaa akokoduru, na Yehowa nso dii n’akyi

  • Yehowa maa ɔkokodurufo Ahikam bɔɔ Yeremia ho ban

Yehowa taa Yeremia akyi na ɔhyɛɛ no nkuran. Enti otumi de mfe 40 kaa asɛm a na nnipa pii ani nnye ho