Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Anigye Ma Wɔn Akwaaba

Fa Anigye Ma Wɔn Akwaaba

Henanom na ɛsɛ sɛ yɛde anigye ma wɔn akwaaba no? Obi biara a ɔba yɛn Kristofo nhyiam​—ahɔho ne wɔn a yenim wɔn dedaw nyinaa. (Ro 15:7; Heb 13:2) Ebetumi ayɛ yɛn nua Kristoni bi a ofi ɔman foforo so abɛsra yɛn. Ebetumi nso ayɛ Kristoni bi a wagyae asɛnkakɔ mfe bebree, na afei ara na wafi ase reba Kristofo nhyiam. Sɛ wo na wowɔ tebea a ɛte saa mu na obi de anigye ma wo akwaaba a, anka ɛrenyɛ wo dɛ? (Mt 7:12) Ɛnde, adɛn nti na wummia w’ani nkyiakyia wɔn a ɛwɔ Ahenni Asa no so ansa na yɛafi nhyiam ase, na yɛpɔn nso a woayɛ saa? Yɛyɛ saa a, ɛma Ahenni Asa so yɛ anika na ɛhɔ nso yɛ dɛ. Wei hyɛ Yehowa anuonyam (Mt 5:16) Yenim sɛ, ebetumi ayɛ den sɛ yebenya bere ne obiara a ɔbɛba Ahenni Asa so akasa, nanso sɛ yɛn nyinaa bɔ yɛn ho mmɔden a, ɛbɛma obiara ani akã. *

Ɛnyɛ mmere atitiriw te sɛ Nkaedi nko ara na ɛsɛ sɛ yɛda ahɔhoyɛ adi; ehia sɛ yɛyɛ no bere nyinaa. Sɛ ahɔho hu sɛnea Kristofo da ɔdɔ adi a, ebetumi apusuw wɔn ama wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam na wɔabɛka yɛn ho wɔ nokware som mu.​—Yoh 13:35.

^ nky. 3 Bible nnyinasosɛm ma yehu sɛ, sɛ wɔn a wɔatu wɔn anaa wɔatwe wɔn ho no ba Kristofo nhyiam a, ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ.​—1Ko 5:11; 2Yo 10.