Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | 1 KORINTOFO 10-13

Yehowa Yɛ Ɔnokwafo

Yehowa Yɛ Ɔnokwafo

10:13

Yehowa pɛ a, obetumi ayi sɔhwɛ a yehyia no afi hɔ. Nanso mpɛn pii no, ‘ɔma kwan bɛda’ sɔhwɛ no ho, kyerɛ sɛ ɔma yɛn nea yehia na yɛatumi agyina sɔhwɛ no ano.

  • Obetumi ama yɛanya yɛn haw no ho adwempa, wahyɛ yɛn nkuran, na wakyekye yɛn werɛ denam n’Asɛm no, ne honhom kronkron, ne honhom fam aduan a ɔde ma yɛn no so.​—Mt 24:45; Yoh 14:16, Ro 15:4

  • Obetumi afa ne honhom kronkron no so ama yɛn akwankyerɛ. Honhom kronkron no betumi aboa yɛn ama yɛakae Bible mu nsɛm ne nnyinasosɛm, na yɛahu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so.​—Yoh 14:26

  • Obetumi ama n’abɔfo aboa yɛn.​—Heb 1:14

  • Obetumi afa yɛn nuanom Kristofo so aboa yɛn.​—Kol 4:11