Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Dɛn Na Ehia Me Paa Wɔ M’asetenam?

Dɛn Na Ehia Me Paa Wɔ M’asetenam?

Biribi titiriw nti na Yakob ne ɔbɔfo bi tentamee. Ná ɔpɛ sɛ Yehowa hyira no. (Ge 32:24-31; Ho 12:3, 4) Yɛn nso ɛ? Yɛayɛ krado sɛ, sɛnea ɛte biara yebetie Yehowa na ama yɛanya ne nhyira anaa? Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛsɛ sɛ woka mu yɛ adwuma, na sɛ asafo nhyiam bere aso a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ yɛde yɛn ahode, yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa som Yehowa a, ‘obehwie ne nhyira agu yɛn so ma abu so.’ (Mal 3:10) Afei, ɔbɛkyerɛ yɛn kwan, ɔbɛbɔ yɛn ho ban, na ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia nyinaa.—Mt 6:33; Heb 13:5.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN FA W’ADWENE SI ONYAKOPƆN SOM SO NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Sɛn na biribi a onuawa no ani gye ho sɔɔ no hwɛe?

  • Ɔkwan bɛn so na adwuma a yɛyɛ betumi asɔ yɛn ahwɛ?

  • Ɛwom, na Timoteo ho akokwaw, nanso adɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔde botae ahorow sisi n’ani so?—1Ti 4:16

  • Dɛn na ehia wo paa wɔ w’asetenam?

    Yɛbɛyɛ dɛn ama obiara ahu ‘adwuma a ehia’ yɛn paa?