Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

‘Montow Ananafo Anyame No Nyinaa Ngu’

‘Montow Ananafo Anyame No Nyinaa Ngu’

Ɛwom, na wɔnhyɛɛ mmara sɛ, ɛnsɛ sɛ obi som bosom, nanso na Yakob nim sɛ, Yehowa mpɛ sɛ ɔne obiara bɛkyɛ ne som. (Ex 20:3-5) Ɛno nti, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnsan nkɔ Betel no, Yakob ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ, wɔntow ananafo anyame a ɛwɔ wɔn nkyɛn no nyinaa ngu. Ahoni ne asomuade a ɛhyehyɛ wɔn a na ɛbɛyɛ sɛ wɔde ayɛ sɛbɛ no nyinaa, Yakob gye tow gui. (Ge 35:1-4) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa ani gyee nea Yakob yɛe no ho.

Ɛnnɛ nso, dɛn na yɛyɛ a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa nko ara na yɛresom no? Ade baako a ehia paa ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ahonhonsɛm wom ho. Enti sɛ yɛwɔ biribi, na ɛne asumansɛm wɔ biribi yɛ a, ɛsɛ sɛ yɛtow gu. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no mu yiye. Sɛ nhwɛso no, bisa wo ho sɛ: ‘Nhoma a mekenkan anaa video ahorow a mehwɛ de gyigye m’ani no, ɛyɛ a ɛfa abayifo a nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔtwe afoforo mogya anaa wohunahuna afoforo ne sum mu atumfoɔ ho anaa? Nneɛma a mede gyigye m’ani no, ɛma ɛyɛ te sɛ nea mfomso biara nni nkonyaayi, aduto, anaa duabɔ ho anaa?’ Biribiara a Yehowa kyi no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho koraa.—Dw 97:10.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “MUNSIW ƆBONSAM KWAN” NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Nsɛnnennen bɛn na Bible suani bi a ne din de Palesa hyiae?

  • Sɛ wo anaa wo Bible suani bi hia mmoa na ama watumi atwe ne ho afi ahonhommɔne ho a, adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ woka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no?

  • Munsiw Ɔbonsam kwan, na mommɛn Onyankopɔn.​—Yak 4:7, 8

    Sɛ obi pɛ sɛ Yehowa bɔ ne ho ban a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ho koraa?

  • Dɛn na Palesa de ne nan sii fam yɛe?

  • Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban afi ahonhommɔne ho wɔ baabi a wote no?