Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 34-35

Sɛ Yɛamfa Nnamfo Pa a, Ɛde Ɔhaw Ba

Sɛ Yɛamfa Nnamfo Pa a, Ɛde Ɔhaw Ba

34:1, 2, 7, 25

Ɛwom, ebia yɛn mpɔtamfo, yɛn adwumamfo, anaa yɛn sukuufo bi wɔ suban pa, nanso ɛno kyerɛ sɛ yebetumi afa wɔn nnamfo anaa? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yebetumi afa obi adamfo anaa yɛrentumi mfa no adamfo? Bisa wo ho sɛ,

  • Sɛ mefa no adamfo a, ɛbɛboa me ama me ne Yehowa adamfofa no mu ayɛ den anaa?

  • Sɛ mitie nkɔmmɔ a ɔbɔ a, nneɛma bɛn na ɛho hia no paa?—Mt 12:34

BISA WO HO SƐ, ‘Nnamfo a mewɔ no, wɔreboa me ama me ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den, anaa wɔresɛe me ne Yehowa ntam?’