Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ɔsatu Titiriw a Yɛde Bɛkyekyɛ Ɔwɛn-Aban wɔ September Mu

Ɔsatu Titiriw a Yɛde Bɛkyekyɛ Ɔwɛn-Aban wɔ September Mu

Nnipa a wɔwɔ wiase baabiara hia awerɛkyekye. (Ɔsɛ 4:1) Wɔ September bosome nyinaa mu no, yɛbɛyere yɛn ho de Ɔwɛn-Aban a ɛka awerɛkyekyesɛm ama. Bɔ mmɔden sɛ wode bɛma nnipa pii. Yɛpɛ sɛ yɛne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ na ama yɛatumi akyekye wɔn werɛ enti sɛ woanto obi wɔ fie a, nnyaw nsɛmma nhoma no bi wɔ hɔ.

NEA WOBƐKA

“Ɛtɔ bere bi a yɛn nyinaa hia awerɛkyekye. Wususuw sɛ ɛhe na yebetumi anya awerɛkyekye? [Kenkan 2 Korintofo 1:3, 4.] Ɔwɛn-Aban yi ma yehu sɛnea Onyankopɔn ma yenya awerɛkyekye.”

Sɛ onipa no kyerɛ asɛm no ho anigye na ogye nsɛmma nhoma a, . . .

YI VIDEO A WƆATO DIN ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUSUA BIBLE? KYERƐ NO

Afei ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ no.

YƐ SANKƆHWƐ HO NHYEHYƐE

Bisa asɛm bi a sɛ wosan kɔ hɔ a, wobɛma ho mmuae. Wubetumi abisa sɛ, “Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?