Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ma Nkurɔfo Nhu Nokware No

Ma Nkurɔfo Nhu Nokware No

Efi September no, yebenya asɛm foforo bi wɔ Kristofo Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Nhoma mu a yɛde bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Wɔato din “Ma Nkurɔfo Nhu Nokware No.” Nea yɛde besi yɛn ani so paa ne sɛ yɛde asɛmmisa anaa kyerɛwsɛm bi bɛtwe adwene asi Bible mu nokwasɛm so.

Sɛ yehu sɛ ofiewura no ani gye asɛm no ho a, yebetumi ama no nhoma anaasɛ yɛayi video a ɛwɔ jw.org no bi akyerɛ no. Wei bɛma ofiewura no de anigye ahwɛ yɛn kwan da foforo. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛkyɛ ansa na yɛasan akɔ hɔ akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Nsɛm foforo a yɛbɛka wɔ asɛnka mu, ne asuafo dwumadi no begyina nsɛntitiriw afã a ɛwɔ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? no so. Saa ɔfã hɔ no, yebenya nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm afoforo a ɛbɛma yɛatumi de Bible no nko ara ayɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua.

Ɔkwan baako pɛ na ɛkɔ nkwa mu. (Mt 7:13, 14) Esiane sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nnipa a ɛsono wɔn som ne wɔn nsɛm tebea nti, ɛsɛ sɛ yɛka Bible mu nokwasɛm a ɛbɛka wɔn koma. (1Ti 2:4) Sɛ yetumi kyerɛkyerɛ Bible no mu yiye na yetu mpɔn wɔ sɛnea yebekura “nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ” a, yɛn ani begye kɛse na yɛde nokware no bɛkyerɛkyerɛ afoforo ma asow aba.2Ti 2:15.