December 17-23
ASOMAFO NNWUMA 15-16
Dwom 96 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Wogyinaa Onyankopɔn Asɛm So De Adwenkoro Sii Gyinae”: (Simma 10)
Aso 15:1, 2—Anka twetiatwa ho asɛm no reyɛ akɔfa mpaapaemu aba tete Kristofo asafo no mu (bt 102-103 ¶8)
Aso 15:13-20—Gyinae a akwankyerɛ kuw no sii no, na egyina Kyerɛwnsɛm no so (w12 1/15 5 ¶6-7)
Aso 15:28, 29; 16:4, 5—Gyinae a akwankyerɛ kuw no sii no hyɛɛ asafo ahorow no den (bt 123 ¶18)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Aso 16:6-9—Yɛpɛ sɛ yɛtrɛw yɛn som adwuma mu a, dɛn na yebetumi asua afi kyerɛwtohɔ yi mu? (w12 1/15 10 ¶8)
Aso 16:37—Hokwan a na Paulo wɔ sɛ Roma man ba no, ɔkwan bɛn so na ɔde trɛw asɛmpa no mu? (nwtsty adesua asɛm)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Aso 16:25-40
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ w’asasesin mu no, paw baako na fa kwan bi so di ofiewura no adanse.
Sankɔhwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. Afei video a yɛato din Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible? no, ka ho asɛm (nanso nyi video no), na mommɔ ho nkɔmmɔ.
Sankɔhwɛ a Ɛto So Mmienu Ho Video: (Simma 5) Yi video no na munsusuw ho.
KRISTOFO ABRABƆ
“Fa Anigye To Dwom Yi Yehowa Ayɛ”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Mmofra To Dwom de Yi Yehowa Ayɛ. Worebewie ɔfã yi a, ma wonyi video a wɔato din Dwom 084 Yɛbɛboa Adwuma No, na anuanom nsɔre nto nni akyi.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 46
Ntĩmu Ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 102 Ne Mpaebɔ