Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | ADIYISƐM

Onyankopɔn Ko a Ɛde Akodi Nyinaa Bɛba Awiei

Onyankopɔn Ko a Ɛde Akodi Nyinaa Bɛba Awiei

19:11, 14-16, 19-21

Adɛn nti na Yehowa a ɔyɛ “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn,” bɛma ne Ba a ɔyɛ “Asomdwoe Hene,” no akɔ ɔko?2Ko 13:11; Yes 9:6.

  • Yehowa ne Yesu dɔ trenee na wokyi nneɛma bɔne

  • Sɛ asomdwoe ne atɛntrenee bɛtena hɔ daa a, gye sɛ wɔayi abɔnefo afi hɔ

  • Ná asafodɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew. Wei ma yehu sɛ, Onyankopɔn soro asafodɔm no ‘betu sa trenee mu’

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya yɛn ti adidi mu wɔ ɔko a ɛreba no mu?—Sef 2:3