Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 9-11

Nokware Asomfo De Onyankopɔn Akwankyerɛ Yɛ Adwuma

Nokware Asomfo De Onyankopɔn Akwankyerɛ Yɛ Adwuma

Onyankopɔn nkurɔfo yii wɔn yam boaa nokware som wɔ akwan horow so

10:28-30, 32-39; 11:1, 2

  • Ɔman no yɛɛ ahoboa a ɛfata maa Asese Afahyɛ no, na wodii afahyɛ no sɛnea ɛho akwankyerɛ te

  • Ná nkurɔfo no hyia tie Onyankopɔn Mmara da biara, na eyi maa wɔn ani gyei

  • Ɔman no kaa wɔn bɔne, wɔbɔɔ mpae, na wɔsrɛɛ Yehowa sɛ onhyira wɔn

  • Nkurɔfo no gye toom sɛ wɔbɛkɔ so ara aboa ama nokware som akɔ so

Nea wɔbɛyɛ ama nokware som akɔ so:

  • Wɔbɛware Yehowa asomfo nkutoo

  • Wobeyi ntoboa

  • Wobedi Homeda

  • Wɔde nnyina bɛba ma wɔasɔ wɔ afɔremuka no so

  • Wɔde wɔn nnɔbae mu nea edi kan ne wɔn mmoa mu mmakan bɛma Yehowa