Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

To Nsa Frɛ Obiara a Ɔwɔ W’asasesin Mu Bra Nkaedi No!

To Nsa Frɛ Obiara a Ɔwɔ W’asasesin Mu Bra Nkaedi No!

Efi February 27 rekɔ, yɛbɛto nsa afrɛ obiara aba Kristo wu Nkaedi no ase. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to fam na sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, yɛayɛ ntɛm akɔboa no.

SƆ EYI HWƐ

KA ASƐM A WODE NAM NO KYERƐ NO

“Yɛde krataa yi reto nsa afrɛ obiara aba dwumadi titiriw bi ase. Nnipa ɔpepem pii behyia March 23 wɔ wiase baabiara akae Yesu Kristo wu no. Yɛbɛma ɔkasa bi a ɛbɛkyerɛ nea enti a ne wu no so wɔ mfaso ma yɛn. Yɛbɛyɛ dwumadi no bi wɔ yɛn mpɔtam ha. Wohwɛ krataa yi so a, wubehu baabi a yɛbɛyɛ no ne bere a yɛde bɛyɛ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛsrɛ sɛ wo nso bra bi.”

Sɛ n’ani gye ho a . . .

  • MA NO ƆWƐN-ABAN

    Yɛ nhyehyɛe na woatumi asan akɔ ne hɔ.

  • YI NKAEDI VIDEO NO KYERƐ NO

    Yɛ nhyehyɛe na woatumi asan akɔ ne hɔ.

Sɛ wosan kɔ ne nkyɛn a . . .

  • YI VIDEO A WƆATO DIN ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUSUA BIBLE?

    Afei ma no nhoma a mode bɛyɛ Bible adesua.

  • MA NO DƐN NA BIBLE KYERƐKYERƐ ANKASA?

    Bue kratafa 206-208 na wo ne no nsusuw Nkaedi no ho. Afei fa nhoma no ma no.

  • FA TIE ONYANKOPƆN NHOMAWA NO MA NO

    Bue kratafa 18-19 na wo ne no nsusuw Kristo wu no ho. Afei fa nhomawa no ma no.