Yehowa Adansefo bi reka asɛmpa no wɔ Cambodia

KRISTOFO ABRABƆ NE YƐN ASƐNKA—ADESUA NHOMA February 2018

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nsɛmmisa a Ɛbɛma Wo Ne Obi Abɔ Nkɔmmɔ: Wohwɛ a Bible no so da so ara wɔ mfaso nnɛ? Ɛne nyansahu hyia anaa? Wugye di sɛ emu afotu betumi aboa yɛn?

BIBLE MU AKORADE

Awi Ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho

Dɛn na Yesu de mfatoho yi kyerɛe? Ná ogufo no, ɔtamfo no, ne atwafo no gyina hɔ ma henanom?

KRISTOFO ABRABƆ

Mfatoho a Ɛfa Ahenni No Ho—Ɛfa Yɛn Ho Sɛn?

Yesu de mfatoho a obiara betumi ate ase kyerɛkyerɛɛ asuade a ɛwɔ Onyankopɔn nsɛm a emu dɔ mu. Asuade foforo bɛn na yebetumi anya afi Mateo ti 13 mu?

BIBLE MU AKORADE

Ɔnam Nnipa Kakra So Ma Mpempem Aduan

Yesu maa n’asuafo akwankyerɛ sɛ wɔmma ɛdɔm mpempem aduan, ɛmfa ho sɛ na paanoo nnum ne mpataa mmienu pɛ na na wɔwɔ no. Dɛn na esii, na ɛfa yɛn ho sɛn?

KRISTOFO ABRABƆ

“Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”

Yesu sii ahyɛde yi so dua sɛ: ‘Di wo papa ne wo maame ni.’ Ahyɛde a ɛne sɛ yenni yɛn awofo ni no, ɛfa mfe a obi adi ho anaa?

BIBLE MU AKORADE

Hena Nsusuwii Na Ɛwɔ W’adwenem?

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn apɛde mmom akyerɛ yɛn kwan, na ɛnyɛ Satan apɛde? Yesu kyerɛɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ebetumi aboa yɛn ama yɛakwati adwemmɔne.

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Fa Nsɛmmisa a Etu Mpɔn Yɛ Adwuma

Yesu bisaa nsɛm a etu mpɔn de kyerɛkyerɛɛ n’atiefo asuade ahorow. Sɛnea na ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔn no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔ asɛnka mu?

BIBLE MU AKORADE

Hwɛ Sɛ Worento Wo Ho Ne Afoforo Hintidua

Yesu de mfatoho kyerɛkyerɛe sɛ, ɛyɛ aniberesɛm sɛ obi bɛma biribi ato no hintidua anaa ɔbɛto afoforo hintidua. Nneɛma bɛn na ɛwɔ w’asetena mu a ebetumi ato wo hintidua?