Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | MATEO 14-15

Ɔnam Nnipa Kakra So Ma Mpempem Aduan

Ɔnam Nnipa Kakra So Ma Mpempem Aduan

Aka kakra na afe 32 Y.B. Twam afahyɛ no adu so no, Yesu yɛɛ anwonwade bi. Saa anwonwade no nko ara na Asɛmpa akyerɛwfo nnan no nyinaa kyerɛw ho asɛm.

Saa anwonwade yi bɛyɛɛ nhwɛso a na Yesu bɛkɔ so adi akyi wɔ yɛn bere yi mu.

14:16-21

  • Yesu maa n’asuafo akwankyerɛ sɛ wɔmma nnipadɔm no aduan, ɛmfa ho sɛ na paanoo nnum ne mpataa mmienu pɛ na na wɔwɔ no

  • Yesu faa paanoo ne mpataa no, na ɔbɔɔ mpae. Afei ofii ase kyekyɛ maa n’asuafo no, na wɔn nso kyekyɛ maa nnipakuw no

  • Anwonwasɛm ne sɛ, obiara didi mee maa ebi kae. Yesu nam nnipa kakraa bi a wɔne n’asuafo no so maa nnipa mpempem aduan

  • Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ awiei bere mu no, ɔbɛpaw wɔn a ɔbɛfa wɔn so ama ne nkurɔfo honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.”—Mt 24:45

  • Afe 1919 mu no, Yesu paw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ wɔmma “n’asomfo” aduan. Wɔn a wɔasra wɔn no mu nnipa kakraa bi na wɔyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na ‘asomfo’ no ne wɔn a wɔma wɔn aduan no

  • Sɛnea asomafo no bere so Yesu faa nnipa kakraa bi so maa mpempem aduan no, saa ara na ɛnnɛ nso ɔnam Kristofo a wɔasra wɔn no mu kakraa bi so rema nnipa pii aduan

Wɔn a Yesu fa wɔn so ma ne nkurɔfo honhom fam aduan no, dɛn na metumi ayɛ de akyerɛ sɛ migye wɔn tom, na mibu wɔn?