Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

“Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”

“Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”

Bere a Yesu baa asase so no, osii ahyɛde yi so dua. Ɛka sɛ: “Di wo papa ne wo maame ni.” (Ex 20:12; Mt 15:4) Nea enti a Yesu tumi de ahotoso kaa saa asɛm yi ne sɛ, bere a ɔyɛ ɔbabun no, ɔkɔɔ so tiee n’awofo asɛm. (Lu 2:51) Onyinii nso, ɔyɛɛ nhyehyɛe, sɛnea owu a obi bɛhwɛ ne maame ama no.—Yoh 19:26, 27.

Ɛnnɛ nso, mmabun a wɔyɛ Kristofo tie wɔn awofo na wɔne wɔn kasa wɔ obu mu de kyerɛ sɛ wodi wɔn ni. Nokwasɛm ne sɛ, ahyɛde a ɛne sɛ yenni yɛn awofo ni no, ɛmfa mfe a obi adi ho. Sɛ yɛn awofo mfe akɔ anim mpo a, wɔwɔ nyansa a ɛso betumi aba yɛn mfaso, enti sɛ yɛkɔ so de wɔn afotu yɛ adwuma a ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛredi wɔn ni. (Mme 23:22) Afei yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim no, sɛ yɛma wɔn ani gye, na yɛboa wɔn sikasɛm mu sɛnea ɛfata a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi wɔn ni. (1Ti 5:8) Sɛ yɛyɛ mmofra oo, sɛ yɛyɛ mpanyimfo oo, ade titiriw a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi yɛn awofo ni ne sɛ yɛne wɔn benya nkitahodi pa.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MƐYƐ DƐN ATUMI NE M’AWOFO ABƆ NKƆMMƆ? NA YI NSƐMMISA A EDIDI SO YI ANO:

  • Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wo ne w’awofo bɛbɔ nkɔmmɔ?

  • Sɛ wo ne w’awofo rekasa a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wudi wɔn ni?

  • Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wo ne w’awofo bɛbɔ nkɔmmɔ a, mfaso bɛn na wubetumi anya afi so? (Mme 15:22)

    Sɛ wo ne w’awofo bɔ nkɔmmɔ a, ebetumi asi wo yiye wɔ asetena mu