Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Fa Nsɛmmisa a Etu Mpɔn Yɛ Adwuma

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Fa Nsɛmmisa a Etu Mpɔn Yɛ Adwuma

NEA ENTI A ƐHO HIA: Sɛ “onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ” a, ɛnde na nsɛmmisa nso te sɛ bokiti a yɛde saw nsu no. (Mme 20:5) Nsɛmmisa boa yɛn atiefo ma wotumi kyerɛ wɔn adwene. Wubisa nsɛm a etu mpɔn a, wotaa nya mmuae pa, na ɛma wote nneɛma bi ase wɔ osuani no ho. Yesu de nsɛmmisa a etu mpɔn dii dwuma. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Nsɛmmisa a wɔde hu obi adwene. Yesu bisaa n’asuafo no nsɛm de huu wɔn adwene. (Mt 16:13-16; be 238 ¶3-5) Nsɛm bɛn na wubetumi abisa de ahu nkurɔfo adwene?

  • Nsɛmmisa a ɛtwe adwene si asɛm pɔtee bi so. Ná Yesu pɛ sɛ ɔteɛ Petro adwene, enti obisaa no nsɛm bi na ɔde ɛho mmuae ahorow bi kaa ho. Wei maa Petro ankasa tumi maa mmuae a ɛfata. (Mt 17:24-26) Nsɛm bɛn na wubetumi abisa obi de atwe n’adwene asi asɛm pɔtee bi so na ama wama mmuae a ɛfata?

  • Kamfo wo tiefo no. Bere a ɔkyerɛwfo bi ‘buaa asɛmmisa bi nyansa mu no,’ Yesu kamfoo no. (Mr 12:34) Sɛ otiefo bi ma asɛmmisa bi ho mmuae a, ɔkwan bɛn so na wubetumi akamfo no?

MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN MONYƐ ADWUMA A YESU YƐE NO BI—MONKYERƐKYERƐ NO FÃ A EDI KAN. AFEI MUMMUA NSƐMMISA YI:

  • Ɛwom, ɔdawurubɔfo no nkyerɛkyerɛmu no yɛ nokware de, nanso adɛn nti na yebetumi aka sɛ wamfa kwampa so ankyerɛkyerɛ?

  • Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu kɛkɛ, na mmom yɛma yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn?

MONHWƐ VIDEO NO FÃ A ƐTO SO MMIENU. AFEI MUMMUA NSƐMMISA YI:

  • Adɛn nti na yebetumi aka sɛ onua no de nsɛmmisa a etu mpɔn dii dwuma?

  • Nneɛma foforo bɛn na yɛhyɛɛ no nsow wɔ onua no nkyerɛkyerɛ mu a yebetumi asuasua?

Yɛn nkyerɛkyerɛ ka nkurɔfo sɛn? (Lu 24:32)