Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | MATEO 18-19

Hwɛ Sɛ Worento Wo Ho Ne Afoforo Hintidua

Hwɛ Sɛ Worento Wo Ho Ne Afoforo Hintidua

Yesu de mfatoho kyerɛkyerɛe sɛ, ɛyɛ aniberesɛm sɛ obi bɛma biribi ato no hintidua anaa ɔbɛto afoforo hintidua.

18:6, 7

  • Yɛka “hintidua” a, ɛkyerɛ nneyɛe ne tebea bi a ebetumi ama obi afa ɔkwammɔne so, wadi mfomso wɔ abrabɔ mu anaa wayɛ bɔne

  • Onipa biara a ɔto obi foforo hintidua no, sɛ ɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu kɔtɔɔ po mu mpo a anka eye ma no

Owiyammo

18:8, 9

  • Nnipa nsa ne n’aniwa som bo pa ara, nanso ɛno mpo Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ, sɛ ebetumi ato wɔn hintidua a ɛsɛ sɛ wotwa kyene

  • Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde ade a ɛsom bo saa bɛbɔ afɔre na yɛakɔ Onyankopɔn Ahenni mu sen sɛ yebekura mu na yɛakɔ Gehenna, a egyina hɔ ma daa ɔsɛe

Nneɛma bɛn na ɛwɔ m’asetena mu a ebetumi ato me hintidua, na dɛn na metumi ayɛ na manto me ho ne afoforo hintidua?