Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | MATEO 12-13

Awi Ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho

Awi Ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho

Yesu de awi ne nwura bɔne yɛɛ mfatoho bi a na ebefi ase anya mmamu afe 33 Y.B. Ɔde mfatoho no kyerɛɛ sɛnea ɔbɛfa awi a egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa afi adesamma mu ne bere a ɔbɛyɛ saa.

13:24

‘Ɔbarima bi gu aba pa wɔ n’afuw mu’

  • Ogufo: Yesu Kristo

  • Wogu aba pa no: Wɔde honhom kronkron sra Yesu asuafo no

  • Afuw no: Wiase nyinaa

13:25

“Bere a nnipa adeda no, ne tamfo ba beduaa nwura bɔne”

  • Ɔtamfo: Ɔbonsam

  • Nnipa adeda: Asomafo no wu

13:30

“Momma ne nyinaa nnyin nkosi otwabere”

  • Awi: Kristofo a wɔasra wɔn

  • Nwura bɔne: Atoro Kristofo

“Munni kan mmoaboa nwura no ano . . .  na afei mommoaboa awi no ano”

  • Nkoa/atwafo: Abɔfo

  • Nwura a wɔboaboa ano: Wɔboaboa atoro Kristofo no ano ma nsonsonoe da wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no ntam

  • Wɔboaboa ano gu asan so: Wɔboaboa Kristofo a wɔasra wɔn no ano ba Kristofo asafo a wɔatew ho no mu

Bere a otwabere no fii ase no, dɛn na ɛmaa nsonsonoe bɛdaa nokware Kristofo ne atoro Kristofo ntam?

Mfatoho yi a mɛte ase no bɛboa me sɛn?