February 11-17
ROMAFO 4-6
Dwom 20 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Onyankopɔn Yi Ne Dɔ a Ɔdɔ Yɛn No Kyerɛ”: (Simma 10)
Ro 5:8, 12—“Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no,” Yehowa dɔɔ yɛn (w11 6/15 12 ¶5)
Ro 5:13, 14—Bɔne ne owu dii yɛn so hene (w11 6/15 12 ¶6)
Ro 5:18, 21—Yehowa somaa ne Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkwa (w11 6/15 13 ¶9-10)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Ro 6:3-5—Asu a wɔbɔ obi kɔ “Kristo Yesu mu” ne asu a wɔbɔ obi kɔ “ne wu mu” no, emu biara kyerɛ sɛn? (w08 6/15 29 ¶7)
Ro 6:7—Wɔn a wobenyan wɔn no, adɛn nti na wɔrennyina bɔne a wɔyɛe ansa na wɔrewu no so mmmu wɔn atɛn? (w14 6/1 11 ¶1)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ro 4:1-15 (th adesua 10)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 4) Yi video no na munsusuw ho.
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. (th adesua 4)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ w’asasesin mu no, paw baako na fa kwan bi so di ofiewura no adanse. (th adesua 6)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei nhoma anaa video ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, ka bi ho asɛm kyerɛ no. (th adesua 9)