Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Kɔ So Ara Fa Boasetɔ Twɛn Denneennen

Kɔ So Ara Fa Boasetɔ Twɛn Denneennen

Mfe dodow sɛn na wode ahwɛ Onyankopɔn Ahenni no kwan? Ɔhaw a worefa mu nyinaa akyi no, wugu so de boasetɔ retwɛn anaa? (Ro 8:25) Kristofo binom hyia ɔhaw ahorow bi te sɛ ɔtan, ayayade, ne afiasenna. Ebinom mpo de, wɔde owu hunahuna wɔn. Wɔn mu pii nso wɔ hɔ a, yare koankorɔ anaa mpanyinyɛ reteetee wɔn.

Sɔhwɛ biara a yebehyia no, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛatumi de boasetɔ atwɛn denneennen? Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible daa na yedwinnwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn gyidi bɛyɛ den. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anidaso no tena yɛn adwenem daa. (2Ko 4:16-18; Heb 12:2) Afei ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae denneennen na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa yɛn. (Lu 11:10, 13; Heb 5:7) Yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no betumi aboa yɛn ama ‘yɛanya boasetɔ akosi ase na yɛde anigye anya abodwokyɛre.’—Kol 1:11.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ƐSƐ SƐ YƐDE ‘BOASETƆ TU MMIRIKA’—NYA AHOTOSO SƐ WO NSA BƐKA AKATUA NO. AFEI BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • ‘Asiane a yɛnhwɛ kwan’ bɛn na ebetumi ato yɛn wɔ asetenam? (Ɔsɛ 9:11)

  • Sɛ yehyia sɔhwɛ na yɛbɔ mpae a, ɛboa yɛn sɛn?

  • Sɛ yentumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu te sɛ kan no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea yetumi yɛ seesei no so?

  • Fa w’ani si akatua no so

    Dɛn na ɛma wokɔ so nya ahotoso sɛ wubenya akatua no?