Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yebegyae Bible Adesua a Ɛnsow Aba

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yebegyae Bible Adesua a Ɛnsow Aba

NEA ENTI A ƐHO HIA: Ɛsɛ sɛ obi bɔ Yehowa din ansa na wanya nkwa. (Ro 10:13, 14) Nanso, ɛnyɛ obiara a yɛne no sua Bible no na ɔpɛ sɛ ɔde Yehowa gyinapɛn bɔ ne bra. Yɛkɔ asɛnka a, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn bere yɛ adwuma yiye de boa nnipa a wɔpɛ pa ara sɛ nea wɔresua no, wɔde bɛbɔ wɔn bra ama wɔasɔ Yehowa ani. Sɛ yɛne obi asua Bible bere tenten bi na onnya nkɔso papa biara nso ɛ? Ɛbɛyɛ papa sɛ yegyae saa adesua no na yɛde yɛn bere boa wɔn a Yehowa pɛ sɛ ɔtwe wɔn ba ne nkyɛn ne n’ahyehyɛde no mu no. (Yoh 6:44) Sɛ daakye bi ɔyɛ nsakrae ma ɛda adi sɛ ‘ɔpɛ daa nkwa’ a, yɛde anigye befi adesua no ase bio.—Aso 13:48.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Kamfo Bible suani no wɔ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obenya nokware nimdeɛ no ho.—1Ti 2:4

  • Ma ɔnsan nhu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔde nea ɔresua no bɔ ne bra.—Lu 6:46-49

  • Mfatoho a ɛfa ogufo no ho a Yesu mae no, wo ne no nsusuw ho na bisa no nea enti ontumi mfa nea ɔresua no mmɔ ne bra.—Mt 13:18-23

  • Fa anifere ma onhu nea enti a wo ne no regyae adesua no

  • Ma onhu sɛ ɛwom ara a, wobɛba abɛsra no ahyɛ no nkuran. Afei daakye sɛ ɔyɛ nsakrae a, mubetumi afi adesua no ase bio

HWƐ VIDEO NO, NA BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Nkɔmmɔ a ɔdawurubɔfo no ne osuani no bɔe no ma ɛbɛdaa adi sɛ ɔmfa nea ɔresua no mmɔ ne bra. Dɛn na wusua fii nkɔmmɔ no mu?

  • Dɛn na ɔdawurubɔfo no yɛ de boaa osuani no ma obehui sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae?

  • Dɛn na ɔdawurubɔfo no yɛ de kyerɛe sɛ daakye sɛ osuani no yɛ nsakrae a, wobetumi afi adesua no ase bio?