Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

February 12-18

DWOM 5-7

February 12-18

Dwom 118 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Sɛ Nkurɔfo Yɛ Biribi Tia Wo Mpo a, Kɔ So Ara Di Nokware Ma Yehowa

(Simma 10)

Ɛtɔ da a nneɛma a ebinom yɛ nti, na Dawid werɛ tumi how (Dw 6:​6, 7)

Ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no (Dw 6:​2, 9; w21.03 15 ¶7-8)

Ná Dawid wɔ gyidi kɛse paa wɔ Yehowa mu, na ɛno boaa no ma odii nokware maa no (Dw 6:10)

BISA WO HO SƐ, ‘Merehyɛ me gyidi den na sɛ obi yɛ biribi tia me mpo a makɔ so adi nokware ama Yehowa?’—w20.07 8-9 ¶3-4.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 5:9—Adɛn nti na abɔnefo mene mu te sɛ ɔdamoa a ɛso abue? (it-1 995)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Nka Bible mu asɛm pɔtee biara nkyerɛ nipa no, nanso fa kwan bi so ma onhu sɛ woyɛ Yehowa Danseni. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. Fiewura no pɛ sɛ ɔne wo gye akyinnye. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 5)

7. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 4) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq 64—Asɛmti: Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Ɔman Afahyɛ Biara? (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 99

8. Ɔsom Afe Ho Akontaabu

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Sɛ wokan ɔsom afe ho akontaabu nkaebɔ a efi Betel no wie a, bisa atiefo ma wɔnka nneɛma foforo a ɛhyɛ nkuran a wɔhui wɔ 2023 Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa Ɔsom Afe Akontaabu no mu. Wo ne adawurubɔfo a wɔnyaa osuahu a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka mu afe a etwaam no ntwetwe nkɔmmɔ. Wo ne wɔn nyɛ ho nhyehyɛe ansa na dwumadi no adu so.

9. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 83 Ne Mpaebɔ