Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

January 22-28

HIOB 38-39

January 22-28

Dwom 11 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ɛyɛ a Wunya Adaagye De Hwɛ Nneɛma a Onyankopɔn Abɔ?

(Simma 10)

Bere a Yehowa bɔɔ ade wiei no, ɔtoo ne bo ase hwɛɛ adwuma a wayɛ no (Ge 1:​10, 12; Hio 38:​5, 6; w21.08 9 ¶7)

Abɔfo no nso nyaa adaagye hwɛɛ nneɛma a Yehowa abɔ (Hio 38:7; w20.08 14 ¶2)

Sɛ yenya adaagye hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yɛma ɛyɛ yɛn fɛ a, ebetumi ama Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no ayɛ kɛse (Hio 38:​32-35; w23.03 17 ¶8)

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Hio 38:​8-10—Sɛn na saa kyerɛwnsɛm yi ma yehu sɛ Yehowa yɛ Mmarahyɛfo? (it-2 222)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ woyɛe sɛ wo ne nipa no bɛbɔ nkɔmmɔ, nanso wuhui sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkasa. Ka asɛm a ɛyɛ dɛ fa wie nkɔmmɔ no. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 5) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ bere bi a wo ne fiewura no bɔɔ nkɔmmɔ no, ɔka kyerɛɛ wo sɛ ne biribi awu nnansa yi ara. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)

6. Ɔkasa

(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 1—Asɛmti: Nneɛma a Ɛresisi Nnansa Yi Ne Suban a Nkurɔfo Da No Adi No Kyerɛ Sɛ, Ɛrenkyɛ Nsakrae Kɛse Bi Bɛba. (th adesua 16)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 111

7. Yɛhwɛ Nneɛma a Onyankopɔn Abɔ a, Ɛbɛboa Yɛn Na Yɛamfa Yɛn Adwene Ansi Yɛn Nko Ara Yɛn Haw So

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Bere a Satan de amanehunu baa Hiob so, a ne nnamfo mmiɛnsa no nso teetee no no, n’amanehunu ne kasatia no nko ara na na ɔredwen ho.

Kenkan Hiob 37:14. Afei bisa sɛ:

Dɛn na na ɛsɛ sɛ Hiob yɛ na akae no sɛ Onyankopɔn ntoo no nkyenee?

Sɛ yɛte nka sɛ yɛn haw reyɛ abu afa yɛn so a, ɛsɛ sɛ yegye bere hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkae yɛn sɛ Yehowa tumi sõ, na ɛbɛma yɛasi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware ama no, na ɛbɛma yɛanya awerɛhyem paa sɛ, obetumi ahwɛ yɛn koraa ama aboro so.—Mt 6:26.

Yi VIDEO a yɛato din Nea Yesua Fi Hiob Nhoma no Mu—Mmoa. Afei bisa sɛ:

Yehowa mu gyidi a wowɔ no, sɛn na video yi ahyɛ mu den?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 4 ¶13-20

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 54 Ne Mpaebɔ