Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

February 10-16

DWOM 147-150

February 10-16

Dwom 12 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Yɛwɔ Nneɛma Pii Nti a Ɛsɛ Sɛ Yeyi Yah Ayɛ

(Simma 10)

Yehowa dwen yɛn mu biara ho (Dw 147:​3, 4; w17.07 18 ¶5-6)

Ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase, na ɔde ne tumi di boa yɛn (Dw 147:5; w17.07 18 ¶7)

Wadom yɛn de yɛn aka ne nkurɔfo ho (Dw 147:​19, 20; w17.07 21 ¶18)


BISA WO HO SƐ, ‘Dɛn bio na ɛka me koma ma miyi Yehowa ayɛ?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 148:​1, 10—Ɛdɛn na “ntakraboa” de yi Yehowa ayɛ? (it-1 316)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Ofiewura no aka akyerɛ wo sɛ, yare bi reteetee no paa. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Biribi a wusuae wɔ adesua ase nnansa yi no, pɛ kwan bi fa so ka ho asɛm kyerɛ onipa no. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)

6. Ɔkasa

(Simma 5) w19.03 10 ¶7-11—Asɛmti: Tie Yesu—Ka Asɛmpa No. Ma wɔmfa mfoni a ɛwɔ ha yi nto skreen no so, na ka ho asɛm wɔ wo kasa no mu. (th adesua 14)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 159

7. Ɔsom Afe Ho Akontaabu

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Sɛ wokan ɔsom afe ho akontaabu nkaebɔ a efi Betel no wie a, bisa atiefo ma wɔnka nneɛma foforo a ɛhyɛ nkuran a wɔhui wɔ Afe 2024 Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa Ɔsom Afe Akontaabu no mu. Wo ne adawurubɔfo a wɔnyaa osuahu a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka mu afe a etwaam no ntwetwe nkɔmmɔ. Wo ne wɔn nyɛ ho nhyehyɛe ansa na dwumadi no adu so.

8. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 37 Ne Mpaebɔ