Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

January 6-12

DWOM 127-134

January 6-12

Dwom 134 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Awofo—Monkɔ So Nhwɛ Mo Agyapade a Ɛsom Bo No So Yiye

(Simma 10)

Awofo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wɔn ama wɔatumi ahwɛ wɔn abusua (Dw 127:​1, 2)

Mma yɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama awofo (Dw 127:3; w21.08 5 ¶9)

Abofra biara ne sɛnea ɔte, ɛne ntetee a ɛfata sɛ wɔde ma no (Dw 127:4; w19.12 26 ¶20)

Sɛ awofo de wɔn ho to Yehowa so, na wɔyɛ nea wɔbetumi biara hwɛ wɔn mma a, Yehowa ani gye paa

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 128:3—Odwontofo no de mma totoo ngodua nketewa a afifi a ayɛ fɛ ho? Adɛn ntia? (it-1 543)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Onipa no aka asɛm bi a ɛne nea Bible kyerɛkyerɛ nhyia. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 16 nkyekyɛm 4-5. Nhyehyɛe a woayɛ a sɛ wunni hɔ a ɛbɛma osuani no adesua no akɔ so no, wo ne no nka ho asɛm. (lmd adesua 10 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 13

7. Awofo—Morefa Ɔkwampa Yi So Akyerɛkyerɛ Mo Mma Anaa?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yehowa asafo no ayɛ nhoma ne nneɛma pii a ɛbɛboa awofo ama wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔahu Yehowa. Wei nyinaa akyi no, ɔkwan baako a eye paa a awofo betumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ne sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn.—De 6:​5-9.

Saa ɔkwampa yi na Yesu faa so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo.

Kenkan Yohane 13:​13-15. Afei bisa sɛ:

  • Nhwɛso pa a Yesu yɛe a ɔde kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no, wohwɛ a adɛn nti na eye paa?

Awofo, nsɛm a moka kyerɛ mo mma no, sɛ wɔde bɛyɛ adwuma a, ebegyina nea mo ankasa moyɛ so. Afei nso, nhwɛso pa a moyɛ no bɛma mo mma atie nea morekyerɛkyerɛ wɔn no na wɔde ayɛ adwuma.

Yi VIDEO a yɛato din Yɛ Nhwɛso Ma Wo Mma Nsuasua. Afei bisa sɛ:

  • Nneɛma pa bɛn na Onua ne Onuawa Garcia kyerɛkyerɛɛ wɔn mma mmea no?

  • Video yi, sɛn na akanyan wo sɛ kɔ so yɛ nhwɛso pa ma wo mma?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 20 ¶13-20

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 73 Ne Mpaebɔ