Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Adɛn Nti Na Ɛho Hia Pa Ara Sɛ Yɛtwe Yɛn Ho Fi Wiase Amanyɔsɛm Ho? (Mik 4:2)

Adɛn Nti Na Ɛho Hia Pa Ara Sɛ Yɛtwe Yɛn Ho Fi Wiase Amanyɔsɛm Ho? (Mik 4:2)

Mfatoho a ɛfa Samariani bi a ɔboaa ne yɔnko ho no, ɛkae yɛn sɛ Yehowa nyiyi nnipa mu, na ɔpɛ sɛ ‘yɛyɛ nnipa nyinaa yiye,’ ɛmfa ho dibea a wɔwɔ wɔ asetena mu, wɔn honam ani hwɛbea, abusua anaa ɔman a wofi mu, ne ɔsom a wɔwom.—Ga 6:10; Aso 10:34.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ADƐN NTI NA ƐHO HIA PA ARA SƐ YƐTWE YƐN HO FI WIASE AMANYƆSƐM HO? (MIK 4:2), NA BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛm a ɛwɔ Mika 4:2 no fa nea ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ no ho?

  • Sɛ yɛka sɛ obi nni ɔfã biara wɔ amanyɔsɛm mu a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi?

  • Sɛn na Adiyisɛm 13:16, 17 ma yehu sɛ amammui ahyehyɛde no pɛ sɛ wonya yɛn adwene ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso?

Nneɛma mmiɛnsa bɛn na ebetumi atwetwe yɛn ama yɛakogyina ɔfã bi akyi wɔ amanyɔsɛm mu?