Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

August 12-18

DWOM 73-74

August 12-18

Dwom 36 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Sɛ Yehu Sɛ Yɛn Ani Bere Wɔn a Wɔnsom Onyankopɔn No a, Yɛbɛyɛ No Dɛn?

(Simma 10)

Wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no, yɛn ani betumi abere wɔn (Dw 73:​3-5; w20.12 19 ¶14)

Sɛ yɛne yɛn nuanom bom som Yehowa na yɛantew yɛn ho a, yɛn ani bɛba yɛn ho so ama yɛahu sɛ, wɔn a wɔnsom Yehowa no, biribiara nni wɔn ho a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere (Dw 73:17; Mme 18:1; w20.12 19 ¶15-16)

Wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no “gyina nea ɛhɔ yɛ toro”; wɔn a wɔsom Yehowa no de, Yehowa hyɛ wɔn “anuonyam” (Dw 73:​18, 19, 24; w14 4/15 4 ¶5; w13 2/15 25-26 ¶3-5)

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 74:​13, 14—“Lewiatan” a kyerɛwsɛm yi ka ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma dɛn? (it-2 240)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Biribi a wusuaa wɔ adesua ase nnansa yi no, pɛ kwan bi fa so ka ho asɛm kyerɛ wo mannifo bi. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BAGUAM ADANSEDI. Ka kyerɛ nipa no sɛ wopɛ sɛ wo ne sua Bible. Afei wo ne no nsua ade kakra na onhu sɛnea yɛyɛ Bible adesua. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔkasa. ijwbq 89—Asɛmti: Ɔsom Ahorow Nyinaa Ye Anaa? (th adesua 14)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 72

7. Asafo Mu Ahiade

(Simma 15)

8. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 98 Ne Mpaebɔ