Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

August 5-11

DWOM 70-72

August 5-11

Dwom 59 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. ‘Ka Onyankopɔn Tumi Ho Asɛm Kyerɛ Awo Ntoatoaso’

(Simma 10)

Dawid yɛ abofra no, Yehowa bɔɔ ne ho ban (Dw 71:5; w99 9/1 18 ¶17)

Dawid nkwakoraabere mu nso, Yehowa annyaw no. Ɔno ara hui sɛ Yehowa bɔ ne ho ban (Dw 71:9; g04 10/8 23 ¶3)

Dawid kaa nea Yehowa ayɛ ma no nyinaa kyerɛɛ mmabun anaa nkyirimma de hyɛɛ wɔn nkuran (Dw 71:​17, 18; w14 1/15 23 ¶4-5)

BISA WO HO SƐ, ‘Asafo no mufo a wɔasom Yehowa akyɛ no, wɔn mu hena na mepɛ sɛ ɔba yɛn Abusua Som ase ma yɛne no twetwe nkɔmmɔ?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 72:8—Ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham a ɛwɔ Genesis 15:18 no, ɛbaa mu sɛn wɔ Ɔhene Solomon ahenni mu? (it-1 768)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ ofiewura no ayɛ n’adwene sɛ nea wobɛka biara ɔne wo bɛtwe. Ɛba saa a, twa nkɔmmɔ no so bɔkɔɔ, ɛnyɛ abufuw mu. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ wo ne wo busuani bi hyɛɛ nkɔmmɔ ase, ɛnna woretoa so. Wobɛka akyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible, nanso ɔbɛtwetwe ne ho. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 4)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔkasa. ijwfq 49—Asɛmti: Nea Yehowa Adansefo Gye Di No, Adɛn Nti Na Ebi Wɔ Hɔ a Wɔasesa No? (th adesua 17)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 76

7. Nea Mubetumi De Ayɛ Abusua Som

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Abusua Som yɛ mmere pa a mmofra betumi de asua Yehowa “nteɛso ne ne kasakyerɛ.” (Efe 6:4) Adesua yɛ adwuma, nanso ebetumi ayɛ dɛ, ɛnkanka bere a mmofra no ani abegye Bible a wɔresua no ho no. (Yoh 6:27; 1 Pe 2:2) Adaka a yɛato din “ Nea Mubetumi De Ayɛ Abusua Som” no, bɔ emu nsɛm no mua. Ɛbɛboa awofo ama wɔahu sɛnea wɔbɛma wɔn abusua som ayɛ dɛ na obiara anya so mfaso. Wuwie a, bisa nsɛm a edidi so yi:

  • Adaka no mu nsɛm no, nea ɛwɔ he na mopɛ sɛ mosɔ hwɛ?

  • Mowɔ biribi foforo a ɛboa mo anaa?

Yi VIDEO a yɛato din Ma W’abusua Som Nkɔ Yiye. Afei bisa sɛ:

  • Sɛ onua bi ne ne yere nko ara na ɛte fie na mmofra biara nka wɔn ho a, wɔbɛyɛ dɛn ama wɔn abusua som ayɛ anika?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 13 ¶17-24

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 123 Ne Mpaebɔ