Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

July 22-28

DWOM 66-68

July 22-28

Dwom 7 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Yehowa Soa Yɛn Adesoa Ma Yɛn Da Biara

(Simma 10)

Sɛ yɛbɔ mpae a, Yehowa yɛ aso tie, na odi ho dwuma (Dw 66:19; w23.05 12 ¶15)

Mmɔborɔwafo asɛm hia Yehowa paa (Dw 68:5; w11 1/1 22 ¶6; w09 7/1 32 ¶1)

Yehowa boa yɛn da biara da (Dw 68:19; w23.01 19 ¶17)

DWINNWEN WEI HO: Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛagyaw yɛn adesoa ama Yehowa sɛ ɔnsoa mma yɛn?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 68:18—Tete Israel no, nnipa bɛn na wɔde wɔn “kɔyɛɛ akyɛde” no? (w06 6/1 10 ¶5)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ nipa a wokɔtoo no no, ɛsono ɔman a ofi mu, kasa a ɔka, anaa n’amammerɛ. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ wudii kan kɔɔ hɔ no, womaa no kratawa bi. Nkɔmmɔ a wo ne no bɔɔ wɔ mu no, montoa so. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)

6. Yɛ Asuafo

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 102

7. Wubetumi Ama Wo Nua Kɔn Mu Adwo No Kakra?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Onyankopɔn nkurɔfo de, sɛ yehyia ɔhaw a, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛko. (2Be 20:15; Dw 127:1) Yehowa wɔ hɔ a ɔbɛboa yɛn. (Yes 41:10) Akwan a Yehowa fa so boa yɛn no, ebi ne sɛn? Ɔnam n’Asɛm Bible no ne n’asafo no so kyerɛ yɛn kwan. (Yes 48:17) Ɔde ne tumi kɛse anaa ne honhom kronkron no boa yɛn. (Lu 11:13) Afei nso, otumi ka anuanom koma ma wɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ yɛn, na yehia mmoa bi nso a, wɔde ma yɛn. (2Ko 7:6) Wei kyerɛ sɛ, sɛ onua bi refa amanehunu mu a, Yehowa betumi afa yɛn mu biara so aboa no ama ne kɔn mu adwo no kakra.

Yi VIDEO a yɛato din Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu—Kyerɛ Nkwakoraa Ne Mmerewa. Afei bisa sɛ:

  • Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no, dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn na wɔn kɔn mu adwo wɔn kakra?

Yi VIDEO a yɛato din Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu—Kyerɛ Bere Nyinaa Asomfo. Afei bisa sɛ:

  • Yɛn nuanom a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no bi no, dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn na wɔn kɔn mu adwo wɔn kakra?

Yi VIDEO a yɛato din Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu—Kyerɛ Ahɔho. Afei bisa sɛ:

  • Yɛn nuanom a wɔnam sɔhwɛ a emu yɛ den mu no, dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn na wɔn kɔn mu adwo wɔn kakra?

8. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 88 Ne Mpaebɔ