Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

July 29–August 4

DWOM 69

July 29–August 4

Dwom 13 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Yesu Asetena Mu Nsɛm—Bible Hyɛɛ Ho Nkɔm Wɔ Dwom 69

(Simma 10)

Ná nkurɔfo tan Yesu kwa (Dw 69:4; Yoh 15:​24, 25; w11 8/15 11 ¶17)

Ná Yehowa fie ho hia Yesu paa (Dw 69:9; Yoh 2:​13-17; w10 12/15 8 ¶7-8)

Yesu koma bubui, na wɔmaa no bobesa a wɔde bɔnwoma afra sɛ ɔnnom (Dw 69:​20, 21; Mt 27:34; Lu 22:44; Yoh 19:34; g95 10/22 31 ¶4; it-2 650)


DWINNWEN WEI HO: Adɛn nti na Yehowa ma wɔde Mesia no ho nkɔmhyɛ baa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 69:​30, 31—Sɛn na kyerɛwnsɛm yi betumi aboa yɛn ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn? (w99 1/15 18 ¶11)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Nya Abotare—Nea Yesu Yɛe

(Simma 7) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi VIDEO no. Afei lmd nhomawa no, adesua 8 nkyekyɛm 1-2 no, mommɔ mu nkɔmmɔ.

5. Nya Abotare—Suasua Yesu

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 134

6. Asafo Mu Ahiade

(Simma 5)

7. Nea Ɛbɛma Yɛn Abusua Som Atu Mpɔn

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

January afe 2009 na yɛkaa Asafo Nhoma Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne Ɔsom Nhyiam boom yɛɛ no adesua baako. Ɛno na seesei yɛyɛ no nnawɔtwe mfinimfini no. Saa nsakrae yi maa abusua biara nyaa anwummere baako a wɔbetumi de ayɛ wɔn abusua som. Anuanom bebree akyerɛ sɛ wɔn ani asɔ saa nhyehyɛe yi, efisɛ aka wɔn abom, na aboa wɔn ama wɔatwe abɛn Yehowa.—De 6:​6, 7.

Dɛn ne dɛn na mmusua ti betumi ayɛ na ama wɔn abusua som atu mpɔn?

  • Monyɛ no nnawɔtwe biara. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mompɛ bere pɔtee a mode bɛyɛ abusua som nnawɔtwe biara. Mompɛ da foforo bi nka ho, na sɛ biribi bɛbom a moayɛ no saa da no

  • Munhu nea mobɛyɛ. Wo ne wo yere nnwen ho nhwɛ nea mobɛyɛ. Ɛwom ara a mubetumi ama mo mma nso akyerɛ nea wɔpɛ sɛ moyɛ. Ɛho nhia sɛ mohaw mo ho pii hwehwɛ nneɛma soronko a mode bɛyɛ abusua som nnawɔtwe biara. Nneɛma a mo abusua no ani gye ho no, sɛ mode ɛno ara yɛ mo abusua som mpɛn pii a, ɛnsɛe hwee

  • Nea ɛbɛboa w’abusua no, ɛno na momfa nyɛ abusua som. Sɛ mmofra renyin a, nea ɛbɛboa wɔn wɔ abrabɔ mu sesa, na nea wɔtumi yɛ nso sesa. Nneɛma a mode yɛ abusua som no, ɛsɛ sɛ ɛboa abusua no muni biara ma ɔtwe bɛn Yehowa

  • Ma abusua som nyɛ dɛ. Edu mmere bi na sɛ wim ye a, mubetumi akɔyɛ abusua som no wɔ abɔnten. Sɛ moreyɛ abusua som na ehia sɛ mugye mo ahome kakra a, mubetumi ayɛ no saa. Ɛwom, sɛ moreyɛ abusua som a, ɔhaw ahorow a ɛwɔ abusua no mu no, ɛsɛ sɛ moka ho asɛm, nanso ɛnyɛ saa bere no na mode bɛka obi anim anaa mode bɛtwe mmofra no aso

  • Ɛyɛ a monsesa mu. Nneɛma bebree na mubetumi de ayɛ abusua som; mubetumi asua nea yebesua wɔ asafo nhyiam ase, mubetumi ahwɛ video wɔ jw.org na moabɔ mu nkɔmmɔ, anaa nea mobɛka wɔ asɛnka mu no, mubetumi abobɔ so. Ɛwom, abusua som de, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nkɔmmɔbɔ, nanso nea mubetumi de bere no bi ayɛ ne sɛ, mubetumi ama obiara akɔtena ne baabi asua ade

Mommɔ asɛmmisa a edi so yi ho nkɔmmɔ:

  • Nea yɛabobɔ so yi nyinaa, sɛn na wode ayɛ adwuma wɔ mo abusua som ase?

8. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 114 Ne Mpaebɔ