Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

July 8-14

DWOM 60-62

July 8-14

Dwom 2 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Yehowa Yɛ Yɛn Abannennen, Ɔbɔ Yɛn Ho Ban, Na Ɔnsesa N’ano

(Simma 10)

Yehowa yɛ abannennen (Dw 61:3; it-2 1118 ¶7)

Yehowa ma yɛn kwan ma yɛsoɛ ne ntamadan mu (Dw 61:4; it-2 1084 ¶8)

Yehowa yɛ ɔbotan (Dw 62:2; w02 4/15 16 ¶14)


BISA WO HO SƐ, ‘Efi bere a mibehuu Yehowa a mede me ho too ne so yi, sɛn na ama m’abrabɔ adi mu?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 62:11—Sɛ Bible ka sɛ ‘Onyankopɔn nsam na tumi wɔ’ a, ɛkyerɛ sɛn? (w06 6/1 11 ¶7)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ obi ayɛ wo papa. Wo ne no mfi nkɔmmɔbɔ ase. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka JW Library® app no ho asɛm kyerɛ no, na kyerɛ no sɛnea obetumi atwe bi ato ne fon anaa ne tablɛt so. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 4)

6. Ɔkasa

(Simma 5) w22.02 4-5 ¶7-10—Asɛmti: Nya Yehowa Mu Ahotoso Bere a N’ahyehyɛde No De Akwankyerɛ Bi Ama Yɛn. (th adesua 20)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 12

7. Biribiara Rentumi ‘Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ Ho’

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yi VIDEO no. Afei bisa sɛ:

  • Bere a Onua Nyirenda hyiaa ɔsɔretia no, akwan pɔtee bɛn na Yehowa faa so boaa no?

8. Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Wopɛ Sɛ Wobɔ Asu a, Wobɛyɛ Dɛn?

(Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi VIDEO no. Afei, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe ma mmofra no bi mmra asɛnka agua no so na bisabisa wɔn nsɛm yi: Sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu a, ɛnyɛ mfe a woadi na ehia paa. Wohwɛ a, dɛn paa na ehia? Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi abɔ asu?

9. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 63 Ne Mpaebɔ