Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | EFESOFO 4-6

“Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”

“Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”

6:11-17

Ɔsomafo Paulo de Kristofo totoo asraafo a wɔredi ako ho. Yɛn atamfo ne “ahonhommɔne dɔm” no. Ɛwom, nnipa ani so de, anhwɛ a ɛbɛyɛ sɛ yɛn ho nyɛ den na yɛrentumi wɔn, nanso sɛ ‘yɛhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa’ a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛadi nkonim.

Bobɔ akode a ɛwɔ ha no nyinaa din, na kyerɛ nea emu biara gyina hɔ ma

DWINNWEN WEI HO: Mahyɛ akode a Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa anaa?