Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Paw Nneɛma a Wode Gyigye W’ani Nyansam

Paw Nneɛma a Wode Gyigye W’ani Nyansam

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpaw nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani nyansam? Efisɛ nea yɛpaw no bɛkyerɛ nea yɛpɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwenem. Ebetumi ayɛ video a yɛpɛ sɛ yɛhwɛ, nnwom a yɛpɛ sɛ yetie, wɛbsaet ko a yɛpɛ sɛ yɛkɔ so, nhoma a yɛpɛ sɛ yɛkan, anaa video game a yɛpɛ sɛ yɛbɔ. Nneɛma a yɛpaw no betumi ama yɛanya suban pa anaa subammɔne. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no pii wɔ hɔ a, Yehowa kasa tia nea ɛwom no. (Dw 11:5; Ga 5:19-21) Wei nti, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nnwinnwen nneɛma a ɛhyɛ Yehowa anuonyam ho.​—Flp 4:8.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN DƐN NA MEMFA NNYIGYE M’ANI? NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Ɔkwan bɛn so na nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani nnɛ no bi te sɛ agodi a na ɛkɔ so wɔ tete Roma no?

  • Ɔkwan bɛn so na asafo no mufo betumi aboa mmabun ama wɔapaw nneɛma a wɔde begyigye wɔn ani nyansam?

  • Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Romafo 12:9 betumi aboa yɛn bere a yɛrepaw nea yɛde begyigye yɛn ani?

  • Nneɛma a ɛfata bɛn na wubetumi de agyigye w’ani wɔ baabi a wote?