Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | GALATIFO 4-6

Mmea Bi a Wɔde Wɔn ‘Gyinaa Hɔ Maa Biribi’ Ne Sɛnea Ɛfa Yɛn Ho

Mmea Bi a Wɔde Wɔn ‘Gyinaa Hɔ Maa Biribi’ Ne Sɛnea Ɛfa Yɛn Ho

4:24-31

Ɔsomafo Paulo de mmea bi a ɔde wɔn ‘gyinaa hɔ maa biribi’ yɛɛ mfatoho de kyerɛe sɛ apam foforo no korɔn sen Mmara apam no. Kristo ne ne mfɛfo adedifo no dɔ yɛn, enti sɛ wobedi yɛn so a, nnipa nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛde wɔn ho afi bɔne, sintɔ, awerɛhow ne owu ho.—Yes 25:8, 9.

 

HAGAR​—AFENAA NO

Ogyina hɔ ma honam fam Israel a na ɛhyɛ Mmara apam no ase no. Ná wɔn ahenkurow ne Yerusalem

SARA​—ƆBEA A ƆDE NE HO NO

Ogyina hɔ ma ɔsoro Yerusalem a ɛyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no

HAGAR “MMA”

Wogyina hɔ ma Yudafo (a wɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ wobedi Mmara apam no so) a wɔtaa Yesu na wɔpoo no no

SARA “MMA”

Wogyina hɔ ma Kristo ne 144,000 a wɔde honhom asra wɔn no

MMARA APAM NO DE WƆN YƐƐ NKOA

Mmara no kaee honam fam Israelfo no sɛ wɔyɛ bɔne nkoa

APAM FOFORO NO MA AHOFADI

Kristo afɔrebɔ no mu gyidi ma wɔdee wɔn ho fii bɔne ho