Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | HIOB 6-10

Ɔnokwafo Hiob Ka N’ahoyeraw Ho Asɛm

Ɔnokwafo Hiob Ka N’ahoyeraw Ho Asɛm

Ná ahia Hiob, ne mma awuwu, na na ɔyare denneennen nanso odii nokware. Enti Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔde abasamtu bɛma wagyae ne mudi mu. Ne “nnamfonom” mmiɛnsa baa ne nkyɛn. Nea edi kan no, wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea n’asɛm yɛ wɔn mmɔbɔ. Afei wɔtenaa Hiob nkyɛn nnanson, na wɔn mu biara anka awerɛkyekyesɛm baako mpo ankyerɛ no. Ɛno akyi no, wɔbɔɔ no sobo na wɔkaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ no.

Wɔ ahokyere a emu yɛ den yi nyinaa mu no, Hiob dii Yehowa nokware

6:3; 7:16; 9:20-22; 10:1, 12

  • Awerɛhow kɛse a Hiob dii no ma onyaa adwene a ɛnteɛ. Odii mfomso kae sɛ, sɛ ɔkɔ so di nokware mpo a, ɛmfa Onyankopɔn ho

  • Esiane sɛ Hiob abam bui nti, wansusuw nneɛma afoforo a na ebetumi aba mpo sɛ ɛno na na ɛrema ohu amane no ho

  • Ná Hiob redi awerɛhow de, nanso ɔmaa n’anototofo no hui sɛ ɔdɔ Yehowa