Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Agyede no Abue Kwan Ama Owusɔre

Agyede no Abue Kwan Ama Owusɔre

Nkaedi no ma yenya hokwan kɛse susuw nhyira te sɛ owusɔre a agyede no bɛma yɛanya daakye no ho. Na ɛnyɛ Yehowa pɛ ne sɛ nnipa bewu. Ɛno nti na ɔhaw baako a ɛma yedi awerɛhow paa ne sɛ yɛn dɔfo bi bewu no. (1Ko 15:26) Bere a Yesu hui sɛ n’asuafo redi Lasaro wu ho awerɛhow no, odii yaw. (Yoh 11:33-35) Sɛnea Yehowa te nka no, saa pɛpɛɛpɛ na Yesu nso te nka. Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nso di yaw bere a yedi yɛn dɔfo bi wu ho awerɛhow no. (Yoh 14:7) Yehowa hwɛ bere a obenyan n’asomfo afi owu mu no kwan denneennen. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ kwan saa ara.—Hio 14:14, 15.

Esiane sɛ Yehowa yɛ n’ade pɛpɛɛpɛ nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe pa de anyan awufo. (1Ko 14:33, 40) Saa bere no, yɛrenyɛ ayi bio, na mmom yɛbɛma wɔn a wɔanyan wɔn no akwaaba. Wudwinnwen owusɔre no ho, titiriw bere a wo dɔfo bi awu no? (2Ko 4:17, 18) Woda Yehowa ase wɔ agyede a ɔde ama no ho? Na woda no ase nso sɛ wama wɔaka wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ awufo bɛsan atena ase bio?—Kol 3:15.

  • Wo nnamfo ne w’abusuafo bɛn na wohwɛ kwan sɛ wobɛsan ahu wɔn bio?

  • Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm bɛn na wopɛ sɛ wuhyia wɔn na wo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ?