Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ma Wɔn A Yɛato Nsa Afrɛ Wɔn No Akwaaba

Ma Wɔn A Yɛato Nsa Afrɛ Wɔn No Akwaaba

Nkaedi a yɛbɛyɛ no March 23 no, yɛhwɛ kwan sɛ nnipa a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn no dodow bɛyɛ ɔpepem 12 anaa nea ɛboro saa. Ɔkasafo no bɛka Yehowa akyɛde a ɛne agyede no ne nhyira ahorow a ɛbɛma adesamma anya daakye no bi ho asɛm. Wei bɛyɛ adansedi kɛse ama wɔn! (Yes 11:6-9; 35:5, 6; 65:21-23; Yoh 3:16) Nanso, ɛnyɛ ɔkasafo no nkutoo na obedi afoforo adanse wɔ dwumadi titiriw yi ase. Yɛn nyinaa betumi adi adanse bere a yɛde anigye ma wɔn a yɛato nsa afrɛ wɔn no akwaaba no. (Ro 15:7) Nyansahyɛ ahorow bi a yebetumi de ayɛ adwuma na edidi so yi.

  • Nkɔtena w’akongua so ntwɛn nkosi bere a yebefi dwumadi no ase. Mmom no, fa anigye serew kyia wɔn a yɛato nsa afrɛ wɔn no ne adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ no, na afei ma wɔn akwaaba

  • Ma w’ani nku amannifo a wotoo nsa frɛɛ wɔn no ho kɛse. Afei nso, hwehwɛ afoforo a ebia nsa a yɛto frɛɛ wɔn no nti na wɔaba no. Ma wɔn a yɛtoo nsa frɛɛ wɔn no mmɛtena wo nkyɛn, na wɔne wo nhwɛ wo Bible ne wo dwom nhoma no mu

  • Sɛ mopɔn a, yɛ krado sɛ wubebua wɔn nsɛmmisa. Sɛ bere no sua efisɛ ɛsɛ sɛ mo asafo no fi hɔ ma asafo foforo ba hɔ a, yɛ nhyehyɛe kɔsra onipa no wɔ nna kakraa bi ntam. Sɛ wunni n’address anaa ne telefon nɔma a, wubetumi aka sɛ: “Mɛyɛ dɛn na me nsa atumi aka wo bio?”