Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm a Yebetumi Aka

Nsɛm a Yebetumi Aka

ƆWƐN-ABAN

Asɛmmisa: Nnipa pii nim saa asɛm yi. Wo nso ɛ?

Kyerɛwsɛm: Yoh 3:16

Wubetumi Aka Sɛ: Ɔwɛn-Aban yi kyerɛ sɛnea wubetumi anya Yesu amanehunu ne ne wu so mfaso.

ƆWƐN-ABAN (akyi)

Asɛmmisa: Hwɛ asɛmmisa yi ne ɛho mmuae a ebinom de ma no. [Kenkan asɛmmisa a edi kan no ne ɛho mmuae ahorow no.] Mmuae a ɛwɔ ha yi mu nea ɛwɔ he na wobɛpaw?

Kyerɛwsɛm: Mt 4:1-4

Wubetumi Aka Sɛ: Ɔbonsam ne Yesu bɔɔ nkɔmmɔ na ɔsɔɔ no hwɛe. Enti Ɔbonsam yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Dɛn bio na Bible ka fa Ɔbonsam ho? Nhoma yi ma yehu ne ho nsɛm pii.

NKAEDI NSATO KRATAA

Wubetumi Aka Sɛ: Yɛde krataa yi reto nsa afrɛ obiara aba dwumadi titiriw bi ase. [Fa baako ma ofiewura no.] Nnipa ɔpepem pii behyia March 23 wɔ wiase baabiara akae Yesu Kristo wu no. Yɛbɛma ɔkasa bi a ɛbɛkyerɛ nea enti a ne wu no so wɔ mfaso ma yɛn. Yɛbɛyɛ dwumadi no bi wɔ yɛn mpɔtam ha. Wohwɛ krataa yi so a, wubehu baabi a yɛbɛyɛ no ne bere a yɛde bɛyɛ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛsrɛ sɛ wo nso bra bi.

KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA

Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.