Anuanom bi reto nsa afrɛ obi akɔ Nkaedi ase wɔ Albania

KRISTOFO ABRABƆ NE YƐN ASƐNKA—ADESUA NHOMA March 2017

Nsɛm a Yebetumi Aka

Nsɛm a yebetumi aka de Ɔwɛn-Aban ama ne nsɛm a yebetumi aka ama nkurɔfo ahu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho. Hwɛ nea yɛayɛ no so na kyerɛw nea w’ankasa wobɛka.

BIBLE MU AKORADE

“Midi W’akyi, na Megye Wo”

Bere a Yehowa Nyankopɔn paw Yeremia sɛ odiyifo no, onyaa adwene sɛ ɔmfata sɛ ɔyɛ saa adwuma no. Awerɛhyem bɛn na Yehowa maa no?

BIBLE MU AKORADE

Wɔanyɛ Onyankopɔn Apɛde Bio

Israelfo no susuwii sɛ, sɛ wɔyɛ nneɛma bɔne na wɔbɔ afɔre daa a, ɛbɛpopa wɔn bɔne no. Yeremia de akokoduru paa wɔn bɔne ne wɔn nyaatwom no ho ntama

KRISTOFO ABRABƆ

Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Fa nhomawa yi kyerɛkyerɛ wo Bible suani ma onhu nnipa kõ Yehowa Adansefo yɛ, yɛn dwumadi ne yɛn ahyehyɛde.

BIBLE MU AKORADE BIBLE

Sɛ Ebesi Nnipa Yiye a, Gye sɛ Yehowa Kyerɛ Wɔn Kwan

Tete Israel no, wɔn a wotiee Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ no asom dwoo wɔn, wɔn ani gyei, na esii wɔn yiye.

KRISTOFO ABRABƆ

Tie Onyankopɔn—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Wɔn a wonnim akenkan no, fa mfonini ne kyerɛw nsɛm no kyerɛkyerɛ wɔn Bible mu nokware atitiriw no.

BIBLE MU AKORADE

Israel Werɛ Fii Yehowa

Bere a Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ontwa kwan akwansin 300 nkɔ Asubɔnten Eufrate ho na ɔmfa nwera abɔso nkosie hɔ no, na dɛn na ɔpɛ sɛ wohu?

KRISTOFO ABRABƆ

Boa W’abusua na Wɔn Werɛ Amfi Yehowa

Sɛ moyɛ Abusua Som daa na moma etu mpɔn a, ɛbɛboa mo abusua na wɔn werɛ amfi Yehowa. Nsɛnnennen a yɛtaa hyia wɔ abusua som mu no, wobɛyɛ dɛn adi so?