Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Wɔyɛɛ Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? nhomawa no sɛ yɛne yɛn Bible asuafo nsua. Bere biara a yɛne yɛn Bible suani besua ade no, yebetumi ne no adi kan asua. Yɛpɛ nso a, yɛne no sua ade wie a, na yɛasua. * Adesua 1 kosi 4 no ma Bible suani no hu nnipa kõ a yɛyɛ. Adesua 5 kosi 14 nso ma osuani no hu yɛn dwumadi ahorow, na adesua 15 kosi 28 ma ohu yɛn ahyehyɛde no. Ne papa mu paa deɛ, ɛsɛ sɛ musua nhomawa no nnidiso nnidiso, gye sɛ ɛho abehia paa sɛ mususuw adesua pɔtee bi ho. Adesua biara wɔ kratafa baako pɛ, enti asuafo dodow no ara, yebetumi de simma nnum kosi du ne wɔn asua.

  • Twe adwene si asɛmmisa no so. Ɛno ara nso ne adesua no asɛmti

  • Mubetumi akan adesua no nyinaa akosi. Mopɛ nso a, mubetumi akyekyɛ mu

  • Mokan ebiara wie a, na moasusuw ho. Bisa nsɛm a ɛwɔ kratafa no ase no na munsusuw mfonini no nso ho. Kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni adesua no mu no, wo ara hwɛ nea ɛfata na monkenkan. Mokan wie a, na moasusuw ho. Ma osuani no nhu sɛ asɛmti nketewa a wɔakyerɛw no tuntum paa no, ɛno na ebua asɛmti no

  • Sɛ adaka a yɛato din “Sua Pii Ka Ho” ka adesua no ho a, mokenkan na hyɛ wo Bible suani no nkuran sɛ ɔmfa nyɛ adwuma

^ nky. 3 Nea ɛwɔ Intanɛt so no, ɛno na emu nsɛm yɛ foforo paa.